Categories
POETRY

ODUPƆN BI ATUTU – De Ma Ɔmanpanyin Dada JJ Rawlings

Odupɔn bi atutu
…ama Ghanaman abutu
Ɔmama bi adi asamando kan
Ama ato Ghanaman awerɛhow akenkan
Ano bebree resu
Nisuo bebree regu
Nanso yɛbɛyɛ no dɛn owuo buo yi mu?
Ɔbra biara twa owuo

B.
Ebinom eesu de amo eegya no kwan no
Na ebi nso de adapaa nenam mu
Wei na ɛkyerɛ sɛ
Odikanfo papa biara nni hɔ a ontia nansoa bi nom so
Sɛ wo fa papayɛ akofena a
Wo dwedwa bɔne ne ntrɛne akoma
Saa nso na wo fa bɔne akofena a
Wo dwedwa papayɛ akoma
W’akofena dwedwa siesie yɛ
Mmaa Ghana fa ne ntomapa fira yɛ

D.
Sɛ yɛ man yi ka Abibiman kandifoɔ ho
Na asomdwoe adware y’adwosuo a
Na ɛwɔsɛ yɛma asufoɔ su kae wɔn yiaw
Na temanmufoɔ a wɔkae kɔm ne ɔhaw a ɔbɛdwiriguyɛ nso su de nnaase gya wo kwan
Efirisɛ barima ne barima a ɔyɛ nea ɛfata
…ansa w’apre amansan dɔ
Efirisɛ barima ne barima a otumi si firi n’apakan mu
Boa n’asomfo dua nnɔbae de ko kɔm
O barima ne barima a ogyina akono
…ehuru tera kokomu hu
De gye ɔman a atete si hɔ
…penpam
Wo yɛ saa mmarima yi nyinaa wɔ wo barima baakopɛ yi mu

E.
Enti ɛnɛ yi w’atoa nananom
Agya yɛn nsansa a
Yɛ ma wo damirifa due
Enti ɛnɛ yi sɛ w’ada wo benkum so
…ama y’ani so ayɛ yɛn ntanta a
…yɛ ma wo da yie!
O ɛnɛ yi sɛ w’adani w’ani ahwɛ ban a
…yɛ ma wo mma ne w’abusua yaakɔ!
Wo yɛɛ nea akra bebree antumi anyɛ
Enti da yie agya pa!
Kɔda wɔ tumi mu!
Na boa ma yɛ man yi ntu mpɔn
Kosi sɛ yɛbehyia wɔ owuomfikyirihɔ
Damirifa due
…due due ne amanehunu
Amoafowaa Sefa Cecilia © November 13, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

3 replies on “ODUPƆN BI ATUTU – De Ma Ɔmanpanyin Dada JJ Rawlings”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s