Ayɛ fo ooo
Ɔmo bɔ no donkomi!
Kristosom no ayɛ foooo
Enti obiara nkɔtɔ bi!
Efiri atifi kosi anaafoɔ
Apueyɛ kɔpim atɔyɛ
Obiara nfa ne kruwaa nkɔtɔ Kristosom no bi!
B.
Sesei wɔn atitiso sei huhuhuhuhuhu
Adwamanbɔfoɔ tumi di nwomtofoɔ anim!
Nea wohiaa ne sɛ
…wo bɛ yɛ no wɔ sum ase
Awingaafoɔ tumi yɛ nsɔrɛ nsɔre mpanyinfoɔ
Nea wo hia ne sɛ
…wo de nsɛmpaka bɛ brabra w’aniwuo so!
Kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛfoɔ tumi tena nsɔre nkongua kɛseɛ so
…gye som a ɛsene Ɔbrepong deɛ
Nea wohiaa ne sɛ
…wo bɛ yi sika abafuu abafuu de abɔ afɔreɛ
Bɔne biara a ɛhyɛ wo nkataban mu
…a na ɛbra wo wɔ Nyame fie no
Y’atwa so ama n’adane dunsene a ewuo
Enti mo nkɔ totɔtotɔ bi
Na Kristosom no ayɛfo!
D.
Asɔfofoɔ bebree
…mmarimma bɔbɔ wɔn mmoma so
Eedi ahim wɔ mmaayowa ayaase
Aniwuo awu wɔ nsɔre nsɔre bebree mu
Enti mo nkɔ
Mo nkɔ nkɔ totɔ totɔ bi!
Bɔne hann no apue eedi papa so nkonim!
Enti mo nkɔ totɔ bi
Na mmra biara mbra mo som
Mo nkɔyɛ nea mo pɛ
Mfa Kristosom atufoɔboɔ
Mfa ndani mo bɔne papa
Na eno ne mmransɛm a atu atese
Wɔ ɛnɛ yi Kristosom mu
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 25, 2020