Categories
POETRY

AWO YAA ENO

Awo Yaa Eno
Tu kɛseɛ a okyinkyim mmarima adwen
…ma wɔ bɔ nsansa
To pia fa adjan kum wɔn awareɛ
…bɔ wɔn ti nsa
Ma wɔn tɔ wo dɔ nwura mu kɔ hwehwɛ wo yera tokro
…wɔ anifra mu
Wo nsamrane soso
Nti w’ahwim m’awareɛ a
…nsan nfa yeyɛ akuturuku nka ho
Efirisɛ daakye nnyɛ bɛtɛɛ mma atufokɛseɛ

b
Neɛ wohunu yi a adwiri te sɛ bepɔ a yɛde mfidie apia agu yi
Na ɛwɔ honam a ɛsene wo deɛ a wode eebu ne pa yi
Neɛ asɛi a worehuru soɔ yi
Na ɛyɛ nahanaha te sɛ ɔpramire wideɛ
Ani a ahani hani a wo de yeyɛ me yi
Na ɛyɛ wo wura foforɔ yi ahwehwɛ gronyii
Ano yi a onyini ate asi soɔ yi
Na ɛyɛ w’akɔnɔdeɛ yi wapi dɛdɛ bi
Nti mfa ose nhuru m’aniwuo
Mmrɛ nyiyimu da
Ahwehwɛ papa biara nni hɔ a ɛbɛ twa wo merɛ daniɛ ntrɔ

d
Nti di wo mmrɛ
Bɔ wo bra
Kura agyapadiɛ a m’ahwiri
…na w’anya no yie
Efirisɛ nsutene mu nam gu ahorow wɔ ahoɔfe mu
Na wɔsene wɔ adaniadani mu dabiarada
Sɛ wo wura wɔ ani yi nkoa deɛ
W’adwuma so
Nti kɔ w’anim na gyae ntomago yi
…mma aserefoɔ ntiatia no
Na sɛ mmɔbrɔhunufoɔ bi ho no mɔbɔ fa no si no a
…w’anya baabi ahata
Amoafowaa Sefa Cecilia © May 29, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s