Sɛ yɛka sɛ obi yɛ adwaman a
Na ebinom de wɔn som adane wɔn tɛkrɛma sekan nufanu
…ɛɛkɔ dwedwa wɔn
Nanso adwaman, wɔ m’ani so no, nkyerɛ obi a w’asi n’ayaase waduro
…anaa wɔma
Ɛdi ɛɛwɔ ɔdɔgorɔ bankye a
…ɛwɔ obiara ayaase asaase so
Adwaman nso kyerɛ wɔn a wɔde kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ dwedwa wɔn man
b
Enti sɛ wo de hwee ka wo nkontabuo ho
…de gye sika tiridii a
…wo yɛ adwaman
Sɛ wonom nsuo na wo to ne konkoraa twene baabia nsuo tene a
…wo yɛ adwaman
Sɛ wo de ntrɔ di adanse krumuu a
…wo yɛ adwaman
Sɛ wo de akwadworɔ nkɔ adwuma ntɛm a
…wo yɛ adwaman
Sɛ wo de hu hyɛ amanfoɔ mu de gyegye adaamude a
…wo yɛ adwaman
Sɛ wo kyekyɛ aban nnwuma de ma akrɔnfoɔ a
…wo yɛ adwaman
Sɛ wo tenahɔ yɛ nhwɛhan ma bɔne kɔso a
…wo yɛ adwaman
Mpo sɛ wo de adwenpa tenahɔ ma abɔnefo piri mpanyindie a
…wo yɛ adwaman
d
Efiri sɛ ɔman a wo bra bɔne edi awu no
…nna obi ayaase
Ɛyɛ ɔman a yɛnyinaa ɛti mu
Enti mo ngyae amanfoɔ ayaase hwɛ
…nhwɛ mo man
Ɛno ne y’agyapadeɛ
Ɛno ne yɛn nɛ
Ɛno ne yɛn daakye a yɛde bɛgya yɛn nkyirima
Amoafowaa Sefa Cecilia © May 8, 2020
4 replies on “ADWAMAN”
Anwenesɛm yi yɛ deɛ abue yɛn ani bebree. Sɛ ɔman mpaninfoɔ kenkan de mu nsɛm yɛ adwuma a, yɛman Ghana bɛfa ne ntoma pa afura. Meda ɔtwerɛfoɔ no ase paara yiye.
LikeLiked by 1 person
Ɔtwerɛfoɔ no nso da ɔkenkanfoɔ no nso ase yie. Nyame nhyira wo pii.
LikeLike
I really love that Mum Cee
LikeLiked by 1 person
That Mum Cee is flattered. 🙏🙏🙏💙
LikeLike