Abrokwah mmadwoa nni dwoa nti
Na ɔsonsɔn ne ho te sɛ aboa oguan
Na baabi a mmayowa di asa nnyɛ ne tenabea
Baabia ɔdɔ ntoklo deda nnyɛ ne kwan
Mpo na w’akɔ tena ɔdɔ dua ase
…n’ankampɛsɛ w’akɔte bi adi
b
Na ne sumyɛ mu mmakɔm nisuo
…bɛtumi ahyɛ Akwasua mma
Nso na onyin papa biara
Ɔyaresafoɔ no nhwehwɛmu no pansam n’abusuakuo daeso
Kosi sɛ y’ɛfrɛ no wɔ Kumnipa Afari Buajan ahenfie
d
Yɛ de too n’anim sɛ
Obi agu aba wɔ Agya Kwaa Atta abaayowa kitiwa no mu
…ama w’afa afuro
Na abɛtɔdwa sɛ
…saa pia no firi n’adjan mu
e
Na obibiara nnim ne ntam kɛseɛ no
Ne yarehwɛfo no wui ansa na ootu akɔtena Kɔkɔti
Ɔhwɛ abaayowa n’anim
… huu hu ne fɛreɛ
Enti ɔde too nananom anim sɛ
…wɔn ma no nnafua nson
…na ɔnfa moamoa ne ho mmɛhunu wɔn
ɛ
N’agya ne no kɔɔ bɛn koro mu sɛ
…ɔnkɔ gye abɔfra no ntumu
Ampaniampaa ɔgye abɔfra no
…tua nkwasiabuo sika
Nso ɔpaa Nananom kyɛw sɛ
…ontumi nware Efia Atta
Ɛno nso ho ka bɛ da ne so
…ma no tua yɛ
f
Mfie du akyi
Abrokwah ne ne ba Akyɛdeɛ tu firi Kɔkɔti kɔtena Afrancho
Na Efia Atta aware Attakorah mfie nsia
…a wɔn nnya ba
Efirisɛ Attakorah ho nsuo kɔɔ abɛgyini
Enti Akyɛdeɛ ne n’agya tuo no, haa wɔn
…ma wɔn de mirika kɔɔ Kumnipa ahenfie bio
g
Wɔn de su ne ahonuo kɔ pa akyɛw sɛ
…Akyɛdeɛ yɛ Attakorah ba
Na ahohiahia nti na ɛma wɔn de ntwatosoɔ too Abrokwah so
Nana ne n’atenafoɔ de nyansa ka kyerɛ wɔn sɛ
Obi nnua nkrumah nkɔnu abɛ
Ɔbrɛguo ne animguaseɛ a wɔn de gu Abrokwah no nnyɛ kumaa
Na w’akɔfrɛ akae no
Wɔn nnyinaa di ho adanseɛ sɛ
Abrokwah dɔ ne ba no
Enti wɔ de bɛ yi gya wɔn kwan
Neɛ ontumi ne awowa nko no
…nkɔ ka wɔn wuoɔ wɔ mere a wɔn tetare ho
Amoafowaa Sefa Cecilia © January 3, 2019
6 replies on “ABROKWAH MMADWOA”
I jux love your poems,, keep it up
LikeLiked by 1 person
Great one there… keep it up…. love it💯
LikeLiked by 1 person
Wonderful. Keep it up. Thanks so much
LikeLiked by 1 person
🙏🙏🙏💙
LikeLike
i love it
LikeLiked by 1 person
💙
LikeLike