Categories
POETRY

AKUAFOƆ NSAMRANE

Nkasɛi akono nkonimdifoɔ
…ayekoo
Awiaden ano mɔdinmmɔfoɔ
…ayekoo
Nsubrane ano akukudurofoɔ
…ayekoo
Mmoadonoma huhuuhu mbɔ mo hu
Mfifire ne awɔ nnyɛ mpa mo aba
Sɛnea mo nnyim asaase ma ɔwɔ yɛn nuaba
Na mo yɛn wɔn ma wɔn som yɛn yɛm deɛ
Yɛ ma mo ayekoo!

Ab
Y’akuma pono nyinaa nsafoa
…kura akuafoɔ
Yɛn tɛkrɛma ayeyi kɛse n’ara
…gyina akuafoɔ so
Yɛn nyini ne yɛn ahoɔden fa kɛse n’ara
…gyina akuafoɔ so
Akuafoɔ ne yɛn teaseɛnam wɔ y’ɛnkwa mu

B
Enti ndidi ɛmmin
…nkesu ɛnda
…a wonda akuafoɔ ase
Enti ɛnkasa ɛnto w’abasa ɛnsa
…a wonyi akuafoɔ ayɛ
O ɛnwisa w’ano ɛnɛ da yi
…a wondwene akuafoɔ ho
Efisɛ aduane nfiri asaase mu nyini anwanwasoɔ
Ɛyɛ nnipa brɛ ne nfifire
…ɛna ɛnyɛn nnɔbae

D
Enti piri ɛkwan pa
…ma wɔn nnyuma pa
Ɛyɛ a, piri sika a ɛfata
…ma wɔn brɛ pa
Piri nfidie pa
…ma wɔn nfa nhyɛ wɔn nnɔbae
…na amprɔ
Okuafoɔ biara nkwa ho hia
Sɛ ɔde mfidie na ɛyɛ adwuma o
Sɛ ɔde ne nsa n’ɛdɔ o
Mpo wɔn ho fi hia mo ne yɔ
Efisɛ akuafoɔ na ɛmma yɛn asetena faango
…ma yɛ de di ateasefoɔ dwa
…wɔ asaase yi so
Amoafowaa Sefa Cecilia © December 6, 2019

amoafowaa's avatar

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “AKUAFOƆ NSAMRANE”

Leave a comment