a.
Ɛyɛ maapɛ na ɛmaa Kwaku
…n’apɔnkye din
Ne merɛ so no
Na onnim ɔbaa kitiwa
…ɔbaa kɛseɛ
…ɔbaa tiatia
…ɔbaa tintin
…ɔbaa berima
…ɔbaa warefoɔ
…ɔbaatan
mpo na w’akohunu ɔbaa yarefoɔ
Sika boa ma owurawura ayaase ahorow
…kosi sɛ ɔware ɔbaa animonyamfoɔ a ɔwɔ Krɔwaso
b.
Abaawa Afua ne Apɔnkye abakan
…kɔyɛɛ abaayowa
Abaawa Afua ne Apɔnkye Manu
…kɔyɛɛ abaayowa
Wɔ bɔɔ Mansa
…Manan
Kosi sɛ wɔn duru Ansomaa
…na wɔn pɔn awoɔ
Kwaku Apɔnkye bɔne hyɛ aseɛ so so n’adae bɔne
Ehu kyekyere no
Kɔdanda supa no
Birimbɔ kum ne bimbuo wɔ ne tiboa atɛnnee mu
d.
Ne mma no hyɛ aseɛ bobɔɔ nufoɔ pɛ
…na ɔkɔtɔɔ nkraman du bɛ wɛn ne ban ho
Ɔhyɛda tɔ nkrantɛ nufanu
…sii no hwitahwita
…ɛma dawubɔfoɔ bɔ dawuro sɛ
…ɔbarima biara a ɔbɛtu n’ani asi ne mma maa no so no
…adi a ɛbɛyɛ wɔn sene nsuomunam awerɛhosɛm
…wɔ anwa a esi gya so mu
e.
Abarimawaa baako kɔ sɔ hwɛ yɛ
…nkraman kekaa no pasaa
Ɔhohoɔ bi ne n’abakan kɔ kasa yɛ
…odi asutorɔ bɔne ma n’apantan pasa yɛ
Ne sika nti
…na Nana Bretuo koraa ntumi nka n’asɛm
Enti ne mma no nyin yɛ no
…na Krɔwaso mmarima akyiran wɔn
ɛ.
Ebi tuu wɔn din gyata mma
Ebi kekaa sɛ wɔn ho mpo nnyɛ fɛ
…enti tuu wɔ mpi sɛ Amangaa mu Apisɔfoɔ
Ebi frɛ wɔn Ammodin fiefoɔ
Krɔwaso fa too ne ho so
…bɔɔ ahohoɔ nyinaa Apɔkye fie nkaseɛ
Kosi sɛ ne mma no nyinaa bɔɔ mmerewa
Neɛ ohunu nyansa tu firi koro ne mu no
…Mansa
…ko nyaa ɛnyinam afidie akwanhyia
…wuu amonomu hɔ aaa
f.
Onyankopɔn Twerɛduampɔn aama n’anwu ntɛm
Kwaku Apɔnkye bɔ akwakora poso poso
…hunu ne mma nyinaa ankonam akwantuo wɔ asaase yi so
Esie wɔn mu num ansa ɔɔka n’ani agu so
Wei kyerɛsɛ
…obi ngu ntoosi aba ntwa brɔde duro
Sɛneɛ wo sunsum sa wo no
…saa nso na wo nwuma bɛ di w’akye
…akoduru w’awieyɛ
Amoafowaa Sefa Cecilia © Nov. 22, 2019
14 replies on “WO NWUMA”
Hey
LikeLiked by 1 person
Hi.
LikeLike
Can v be frds
LikeLike
Can you write in full please? Can’t seem to understand your sentence.
LikeLike
Okay. I am saying can we become friends. Can u send me your no
LikeLike
Email first. Sefaceci@yahoo.com
LikeLike
I will send u no
LikeLiked by 1 person
I am from India. My name is shruthi. Are u their in what’s app or Facebook and wheir are u from
LikeLiked by 1 person
Okay
LikeLike
Hi there
how are you ?
I hope you will spent a lovely day
how i can call you ?
LikeLiked by 1 person
Send me an email at sefaceci@yahoo.com
LikeLiked by 1 person
done
i waiting for you
LikeLike
done
e-mail sent
LikeLike
e-mail sent
LikeLike