Categories
POETRY

AKUKU-ADAMFOƆ

Na ɔmama abɔ mma
…ama ɔnam a, na n’abati ɛɛto ahantan nnwom
Efirisɛ na obu ne ho okukudam
N’ɛnso wɔn a wɔhyɛ n’ase nyinaa buu no okuku-ɔdamfoɔ nnyɛ nɛ

II
Wo bisa sɛ ɛdeɛn ntira?
Ɛneɛ tie ɛ
Ɔde suahunu ɛkɔtena suatera dua ase
…de pia pia nsukɔnoma kɔ dua no so
Ɔfaa nyamberansɛm yi so kenkan wɔn nhweneɛ
…san de kukɔɔ wɔn adagya mu nsrahwɛ wɔ ehu hyɛn mu

III
Nnura yi a,
Aberantipa no kyeree Akuba de no tena ne tiaseɛnam mu tesɛ Bronya akokɔ
Wɔn duru ne nhyɛsoɔ kokomu hɔ no
M’enfrɛ hɔ efie da
Ɔwɔ no nkonsa ma no kɔ si ne nneɛma
Owie yɛ no
…ɔsan nso si n’agegemu kosi sɛ Akuba atufokɛseɛ no dwo yɛɛ traa
Aa ɔnyɛ n’asiwa
Ɔde nsɔhwɛ mu ndiguo na ɛdane etuo
…de bɔ no ntrɛne

IV
Ɛnɛ yi,
…ɔde n’asɛm kɔɔ Abaawa so no
Ɛna n’apaawa abɛtɔ animguaseɛ gya so no o
Enti wo te akuku-adamfoɔ a
Na ɛyɛ wɔn a wɔn de wɔn sɔsɔ
…eetu mmaayaa ayaase wɔ suapɔn abodin mu
Wɔn kɔfabae ɛne “Okukudam” a n’apaawa da so yi
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 11, 2019

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

7 replies on “AKUKU-ADAMFOƆ”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s