Ɛnɛ ɔsraneGyina ewiemu te sɛ esum kuraƆsrane eeeeei, tie m’amaneɛEwiase ɛyɛ dɛEwiase ɛyɛ fɛNanso nnipa te sɛ kurowaƆnkyɛ na w’abɔ B.Enti nka ka baabi a wo wɔNa hyirɛn baabiara a mɛ kɔƐnɛ ɛhan ei…Ka babia wo gyinaNa boɔ ma me nna ngyina babia ogyinaOnyin ataadeɛ abɛhyɛ meƆhaw adane m’adwenkyɛEwiase gyina babia ogyinaNanso me de mmirika […]
Tag: #TwiPoems
Wonya Baako a Wɔse Mienu
Abena mɔborɔwa, ewiase bɔ me pusaWɔn de awareɛ danee aban-kawa guu m’anuonyam nsa…twii no kɔtoo aniwuo kokomuMe de ɔyiaw ne amanehunu firii mu no,Wɔ san de awoɔ bɔɔ me kwaadu wɔ amansan asɛmdibia…ma me dii nkuguo pɔtɔɔMe de apiriapireɛ woo ba baako pɛ,…na wɔn san de ‘ba koro’ suboɔ bɔɔ m’ahweaseɛAfei wɔn reka m’anim sɛ […]
AMe na me dan bɛn tiefiEnti m’aso ɛsɛ atie-foo ne atie-fiNanso mo nkae sɛ…m’ano ɛbɛ tumi akyerɛ amansan mo trumu-nnwom a mo de retetɛ BMe na me nisuo nni ɔpupafoɔEnti me fata sutrɔ firi nsa a ekura agyimifoɔ ahomasoɔMonkae sɛ, Nana Nyame hwɛɛ aboa biara so…na ɔbɔɔ n’akodeɛ a ɛbɛhwɛ ne so DMe na me […]
Ɔse aban a ɛte so yi yɛ n’abanEnti bɔne biara a ɔbɛyɛ no aban no bɛbɔ ne ho banNanso Eno eAgya eAban yɛ ɔman yi hyɛnkafoɔƐnyɛ nnipasuo bi banbɔfoɔƐyɛ kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ…na ɛde yɛn aduru saa ɔhaw yi asuɛyɛ Enti fa adwene na di asɛmpaMɛntoa suban bɔne yi so mma no nka IIEfirisɛ aban kɔ […]
ATIFI MANTƐM ƆHYIW
Ɔhyiw braniƆhyiw a ɛma ahodwan bɔ honam nsamraniƆhyiw mframakyiriƆhyiw mfifiri yiriƆhyiw m’apa B.Ɔhyiw nieƆhyiw a ɛma Ɛwura Adwoa dware mpɛn nan dakoroƆhyiw a ɛma ntadehyɛ yɛ akyiwadeɛƆhyiw a ɛma ahohoɔ ho yɛ ahiƆhyiw no nie D.Ɔyhiw nieƆhyiw a ɛma abɔdamsɛm yiri fieƐma nsuo dani ntutuo dwane kɔ sieƐma mframa dane ogya wusie ɛde ɛwa ba […]
MAAME AMA DONKOR (An elegy)
Wo wuo yi yɛ dae a, anka anigye tuoNa me de bɛ ko ɔhyew abufuw…a ɛrenoa m’anisuoƐsan so reto nnwom-nkuguoƐrehyɛ m’akuma tuo IIƐyɛ atesɛm a, anka me de huro buoɔ na ebɛdi no dɛmAhyɛ ɔkonkonsani abotisɛmAma w’ato ntorɔ anansesɛmNa wɔn afura aniwuo te sɛ wɔn akokyɛm IIIWo bra kosi wo wuo…gya me nisuoW’ahofama ne wo […]