Ɔhyiw brani
Ɔhyiw a ɛma ahodwan bɔ honam nsamrani
Ɔhyiw mframakyiri
Ɔhyiw mfifiri yiri
Ɔhyiw m’apa
B.
Ɔhyiw nie
Ɔhyiw a ɛma Ɛwura Adwoa dware mpɛn nan dakoro
Ɔhyiw a ɛma ntadehyɛ yɛ akyiwadeɛ
Ɔhyiw a ɛma ahohoɔ ho yɛ ahi
Ɔhyiw no nie
D.
Ɔyhiw nie
Ɔhyiw a ɛma abɔdamsɛm yiri fie
Ɛma nsuo dani ntutuo dwane kɔ sie
Ɛma mframa dane ogya wusie ɛde ɛwa ba fie
Ɔhyiw no nie
E.
Enti nhwi tintini ei, honam nnyɛ wo fie
Ntaade duduruuduru, honam nnyɛ wo sie
Shooligongon ɛnan mpɛ w’asɛm atie
Mpo na nsa abɛsɔ wo mu abue
Ɔhyiw no nie
Ɔhyiw no ahoro, ahata, abobɔ yɛn asie
Mframabɔdeɛ asi
Amoafowaa Sefa Cecilia © March 5, 2025
Categories
7 replies on “ATIFI MANTƐM ƆHYIW”
thanks for visiting my site. I would be thrilled if you’d write a guest blog post for my site. If you think it might be fun or helpful to have my followers (who total about 10k across my various social media) meet you, here’s the link for general guidelines:
LikeLiked by 1 person
🙂
LikeLiked by 1 person
🙏❤️
LikeLiked by 1 person
hope you are having a nice start to the month of march 🙏❤️
LikeLike
I am. I hope you’re too.
LikeLiked by 1 person
yes…. pleasant thx
LikeLike
❤️
LikeLike