Me yɛ ɔbotan
nsuo bɛtumi ayiri afa me so
Awia bɛtumi ahye me kosi sɛ ntutuo bɛ bunkam me so
Egya bɛtumi ahye me ama m’ayɛ tuumm
Nso mɛ kɔ so ayɛ ɔbotan
B.
Me yɛ ɔbotan
nnipa mpimpim bɛtumi afuru me
Abɛ tiatia m’apampa so
Ebi bɛtumi abɛgyina me so
De apiri Ɔbɔadeɛ asotie
Ebi bɛtumi agyina me so
De akunkum wɔn atamfo
M’ɛkɔso ayɛ ɔbotan
D.
Me yɛ ɔbotan
Aboa biara se ntumi nka me
Ntasuo bɛtumi afiri ano bebree mu apiri m’animguaseɛ
Adwene bɛtumi de ahoɔdene atutu me mu
De apiri banbɔ ne dabrɛ
M’ɛguso ayɛ ɔbotan
E.
Me yɛ ɔbotan
Ebi hunu me sɛ ahoɔfe
Ebi hunu me tantantan
Ebi hunu me de suro bɔbirim
Ebi hunu me de mpaebɔ kutu
Ebi hunu me ma wɔn kɔn dɔ sika
De me yɛ agyinadeɛ pɛ ahodeɛ
Nso mɛkɔso ayɛ ɔbotan
Me tim neɛ me tim
Merensesa da
Na mpo sɛ me dwiri gu a
Abɔdeɛ a ɛwɔ mɛ nkyɛn nyinaa bɛhunu amane
Sɛ owuo antase wɔn a
Me yɛ ɔbotan
Dɔ me anaa kyiri me
M’ɛkɔso ayɛ ɔbotan
Merensesa da
Amoafowaa Sefa Cecilia © April 23, 2024
2 replies on “ME YƐ ƆBOTAN”
VERY INTERESTING POEMS . MEY3 OBOTAN
LikeLiked by 1 person
❤️
LikeLike