Categories
POETRY

PAPA BƆNE

M’akɔpɛ asɛm anya asɛm
Bɔɔla so anomaa gyina me so ɛre pɛ ntɛm
Ama ɔse ɔde m’akoma ɛrekɔma adɛnkyɛm
Efirisɛ m’ani ahunu ama m’ano aka n’asɛm

B.
M’akɔpɛ asɛm anya asɛm
Hwan koraa na ɛka kyerɛɛ me sɛ me nkɔka n’asɛm?
Me nim paa sɛ ne yɔnko ne apɔnkɔ, akɔreɛ ne adɛnkyɛm
Wɔn a wɔn tumi dani ntrɔ fitaa nokware asɛm
Nti m’ano, ɛyɛɛ dɛn na wo kɔ kaa n’asɛm?

D.
M’akɔpɛ asɛm anya asɛm
Ano bebree reka sɛ, ne bɔne nyɛ m’asɛm
Nso ɛho nsunsuansoɔ yɛ m’asɛm
Nti na na medwene sɛ mentumi ntena hɔ mma anomaa koro bɔne nnani akyɛm
Mmɛ kyekyere me ne memantɛm
Nso me na papa afidie akyire me te sɛ ɔkyɛm
Ama me ne mmra redi akosɛm

E.
M’akɔpɛ asɛm anya asɛm
Ewiasɛ bɛn koraa nni na bɔne adane nhyira nsɛm
Ama papa adane bɔnesɛm
Efirisɛ obiara pɛ sɛ ɔforo preman ne asikafo atwideɛ ntɛm-ntɛm?

Ɛ.
Ɛneɛ na m’aye abufuwsɛm
Owuo mmɛ fa me nfiri bɔne-papafoɔ yi ntɛm
Na wɔntumi nni wɔn amamasɛm
Efirisɛ esum kuro nhia ɛhan nsɛm
Owuo anoma mmɛ fa me nkɔ na bɔne apiafoɔ aamɛ di me dɛm
Amoafowaa Sefa Cecilia ©August 17, 2023

amoafowaa's avatar

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

4 replies on “PAPA BƆNE”

Leave a comment