Ayɛ Bronya yi
Na abɔfra Yesu awoɔ abɛhyira ewiase yi
Dane wo ho ɔdɔ safoa
…fa bue ohia nkoa
…a wɔn gu ahohiahia kokomu
Mo ma Akristofoɔ ho nyɛ amanaman akɔnɔ wɔ nhyira mu
B.
Ayɛ Bronya yi
Nya akomapa bi
Fa dwene w’atanfo ho sɛ obi a ɔfata ɔdɔ
Nna ma ɔtan ne akomahuro no nkɔ
D.
Bronya nnyɛ abrɔ nnya
…ɛsan nso nnyɛ ɛbrɔ nnya
Dwene ho sɛ ɛyɛ abro nya
…a abro no yɛ nhyira ne nkabɔmu
Enti fa Yesu yɛ wofɛrifoɔ na yɛ adwene bɔne nyinaa papa
E.
Bronya yɛ anigyeyɛ
Bronya yɛ nsakrayɛpa
Bronya yɛ nnase da
Bronya hia kasapa
Bronya kyerɛ ahofama
Sɛ Bronya kyerɛ ɔsoro dɔ a
…ɛneɛ ma ne kabea nhyirɛn wɔ w’akoma mu
…ma no mpue wɔ wo honam ani
…ma wiase nyinaa nhunu
Amoafowaa Sefa Cecilia © December 25, 2020
Categories
2 replies on “ABRO NYA”
Woka asɛm ma no yɛ dɛ yie! Bronyadie ahomeka ne n’anigyeɛ ɛnka wo.
LikeLiked by 1 person
Ɛnka wo nso nso. Medaase bebree. 🙏🙏🙏💙
LikeLike