Yɛɛ kan nan a ɛɛfro owuo bepɔ a
Yɛnkan adwen kɛseɛ nka ho
Efirisɛ yɛde yɛn humee srɛ nkwa tintin ma abenfo
Enti ɛbaa ne sɛn na Fofie adane yɛn mununkum nisu yire yi?
b
Etire yia wo de kɔ yi yɛ sika tire
Sika a yentumi mfa dwɛtɛɛ biara ntoto hoo
Adwene a wo de kɔ yi yɛ anyame dwene
Akanfoɔ fa no ara
…asuade ankorɛ
Abrabɔ ɛso atwa yi yɛ amansan anidasoɔ
Wo suahunu mu hwiri yi adane y’amanehunu
d
Nana Adjei a ɔbubɛ tebɛ
Nana Adjei a ɔbɔ nsamrane te nsamrane ase
Nana Adjei a ɔse ayie yɛ ayie ma ayie de yie
Nana Adjei a ɔka kasa guronyii ma Akan kasa tu hwam
Wo kasafoforɔfoɔ aso mu
Sɛ ɔseayie kɔ nkɔnkogya a
…hwan na ɔse n’ayie?
e
Sɛ epo nisuo ntumi mfa wo nba nkwa mu yi deɛ a
…yɛ ma wo da yie!
Sɛ akoma mu yiaw ntumi nfa wo kra nfɛm yɛn bio yi deɛ
…yɛ ma wo tumi mu adayie!
Sɛ Asomdwoe Kasafidie so dede ntumi nnyane wo deɛ
…yɛ ma wo nanteyie!
Wo nfumuu akwantuo yi abubu y’aprɛ
Nso yɛ de mmɔdenmmɔ bɛ yɛ adwumaden
…de ahwɛ wo nkyi
Abɔ Ɔdomankoma mpae sɛ
Wo bɛ kɔ akɔda dwoo dwoo kosi sɛ yɛ behyia bio
Amoafowaa Sefa Cecilia © June 19, 2020
2 replies on “NANA ADJEI SIKAPA”
Damirefa due!
Da yiyie.
Purity of intentions.
I never met you and I had little contact
But the snippet of you, tells me of a good person
I can discern.
Journey well. Adjei.
LikeLiked by 1 person
🙏🙏🙏
LikeLike