Owuo de suro ma nnipa de papa mpata
…a ɛnfata
Ma awofoɔ
…ebu wɔn ani gu wɔn bɔne dodoɔ
…so
De kyerɛ sɛ bɔne biara tumi hyɛ papa so
b
Ɛbɛ yɛ dɛn na bɔne nsuma?
Ɛbɛ yɛ dɛn na nnipa apɛ papa soma?
Ɛbɛ yɛ dɛn na nkyirimma ani mfa suaadeɛ
…wɔ aba bɔne mu ngu wɔn deɛ?
Ɛbɛ yɛ dɛn na nsɛmfo ntena yɛn so
…te sɛ neɛ yɛyɛ amamasɛm nkoasom agua no?
d
Nokwaredie yɛ sene owuo ho suro
Efirisɛ aniwa a ɛwɔ fɔm no, ɛnoa na ɛwɔ soro
Sɛ yɛ to papa nnwom
…de bata awerɛhoɔ awusom
…ho, san di adanse krumuu
…de gya atrimuoden fo amuu
…kwan a
Ɛtesɛ neɛ yɛɛ tutu yɛn koro mu ɛnoa
…ɛwɔ de-yɛ-me-anyɛ-me-ya daresen mu
Yɛ de bɛyɛyɛn
…ayɛyɛn
…ayɛyɛn
Kosi sɛ owuo de guanhoma bɛ mantam yɛ nnyinaa wɔ ateasefo man yi mu
Amoafowaa Sefa Cecilia © May 22, 2020
2 replies on “AGYA OWUO”
Mgbe onye anyị hụrụ n’anya nwụrụ, anyị nwere ọtụtụ ihe imere onwe anyị. Ọ bụ ihe mgbu ga-ewe ogologo oge.
Ekele si obi m na m masịrị ya
Daalụ. Edere m si Chile (South America) na-edetara unu akwụkwọ
Manuel
LikeLiked by 1 person
🙏💙💙💙
LikeLiked by 1 person