Yɛde nwomasua ɛɛto tsatsa
Ama ayɛ tesɛ ekro aa aprɔ sɛɛ pachaa
Asresɛm ne sɛ
…yeemia no wɔ akrɔkrɔ kwan so
Yɛbɛyɛ dɛn atu mpong?
II
Obiara nim sɛ nwomasua yɛ y’atwideɛ a
…y’ehia de afiri ahohiahia yi mu
…akosi mpuntuo kro mu
Enti deɛn nti na Ɔmama bɛ to kɔ benkum
…na Opreman ni abɛto akɔ nifa
…Ma Kwaa Agyei bɛ to kɔ sro
…ama Agya Adwo abɛtuɛ asi fam yi?
III
Yɛn ma mmra nka yɛn bra
…tesɛ nea Abokyifoɔ ka wɔn nantwie
Yɛn ma adwene ɛnha tipɔ
…tesɛ neɛ abɔfra yarefo ha n’awofoɔ no
Yɛn ma ano nkɔ kasa
…tesɛ neɛ abaa ka debɔnifo no
Efirisɛ ɔman yi yieyɔ
…gyina w’dwuma agyapadeɛ a
…w’atikɔ nfa nkɔwura owuo bɔn mu
Wo ne me nan so
…na nkyirima bɛfro ne wɔn amanaman nfɛfo
…apiri atepen wɔ daakye mmerɛ mu
Amoafowaa Sefa Cecilia © November 15, 2019
6 replies on “TSATSA”
Your twi poems are really superb.. Keep it up
LikeLiked by 1 person
🙏🙏🙏💙
LikeLike
Great post..I love the Twi
LikeLiked by 1 person
🙏💞💕💖❤️
LikeLike
You are great keep it up
LikeLiked by 1 person
💙
LikeLike