Categories
AFRICA GHANA POLITICS

OMAN MMRATU

 

REFRAIN:

Sɛ ↄman yi bɛyɛ yie a

Na efiri me ne wo

Sɛ ↄman yi bɛyɛ yie a

Na efiri yɛn ara

Na efiri yɛn ara

Firi agyanom ne nnanom akuafo, akruufo kosi aman mpanyinfo so

Na efiri yɛn ara

Na efiri yɛn ara

Ei! akwadwofo ei, annuanomu mmratofo ne ɛmfamehofo

Na efiri yɛn ara

Na efiri yɛn ara

S3 adwene deda yɛn tirimu yi

Na aso mu w akwantuo toklo yi deɛ

Mesrɛ sɛ yen ndwedwene ho

Efirisɛ efiri yɛn ara

 

I

ɛhↄ nnyɛ hann

Ma ɛhↄ nnyɛ hann

Esum kabisiii  a, ma hɛnnyɛ hann

Esum gyampantrudu a, ma hↄ nnyɛ hann

Na obi amfa mogya anshɛ nsu anan mu

Sɛ sum ka aniwa aniwa hyɛn kyɛ a

Wiase kan kↄ bɛma Ghanaman ada ne nsa benkum so

Enti akuma ne adwene

Mo mfa m’aso ntena sutie agwa so

Na mo ntie akokoa mkwadaasɛm yi bi

 

II

Anyinam a yɛ wↄ amanfo se,  enka efyinam nea enni hↄ

Ayɛ sɛ anyinam a enni annuonyam

Adɛn na aban adwa si yɛ ntamu

Na ano nnyinaa eretwa bↄ no

Wↄ mmre a yɛ wↄ  yɛn kyɛfa?

Kwaku Atta sor fridge de mma nuane a ɛbɛkↄ bↄↄla so

Yɛ sɛɛ nyunyunuunyunu

Ommma fan nnya nahume sima baako koraa

Akwadworↄ  nti, ↄrebɛpue a, na wafa nataade baako atu

Osↄ tv de mma nkonwa wↄ mmre a wↄnni ani

Tumi de gya hↄ sɛ nansa

Ne mpena de anyinam na ɛka banku

Ode anyinam na ɛyɛ froyɛ

wↄ mre a ogya mframa wↄ hↄ

Wↄn mmienu nyinaa wↄ laptopu, tableti,  san wↄ kasatrufoↄ miensa miensa

Wↄn reyi sene wↄ wei so no

Na wↄↄdi nkↄnkↄnsa wↄ foforo so

Na wasan eetwa wↄn ho mfoni de kyerɛ amansan wↄ amanaman so

Me nka wↄn afɛfuo a wↄde anyinam ne internet rebu abrↄfo daa daa

Sɛ ↄyɛ wei nyinaa na sɛ owia a

Na onya anyinam nↄnhwere  du mienu

Na ↄda sum mu nansa a

Na wakↄgyina kasafidie so de aban ayɛ ban ɛɛbↄmu ton ton ton ton

Efirisɛ aban ahantan adane nkantankantan

Ama kɛtɛasehyɛ ayɛsɛ abɛprↄyɛkro a asɛi abɛduasa

Ei! Ma yɛn yi yɛn aniase mpi

Ansa na yakyerɛ yɛn nfɛfo de

 

III

Komla Dzokoto yere tↄn waakye

)ne n’adamfo Akwele a tↄn dↄkunu

Na ɛti faako

Eno Dzokoto tu ne bↄↄla gu gutter mu

Si gutter no ma nsutↄbbrɛ kyere nnipa dane wↄn nsamanfo

Akwele gyae gyae ne bↄↄla gu gu gu basaaaa

Frɛ frɛ  nnwansena a wↄkura  nyarewa  bebree  ba  fie

Dodoo kↄ nsu a ano

Kↄ gya ne nan gumu

Nsunsuanso ba a

Obiara ti keka; ahotieefo ne  wↄn fefo afifo nyinaa

Na sɛ yare  bɛtu atese a

Wↄn agyina mmepsↄ o abↄ dawuro se

Agya aban na ↄde nnyarewa aba

Sɛ aban te sɛ ohuruyɛ a

Ene na yɛn nso tesɛ mprako

Adware ne ntaade biara nni hↄ a ebɛtumi atwe yɛn  afiri fi ho

Oh sɛ anka yɛbetumi ahunu sɛ ↄman yi gyina me ne wo mienu so a

 

III

Mr. Ofosu yɛ ↄhyɛnkafo

Ohyɛnkafo a ↄde charley na  ɛka ne hyɛn

Ode ne hyɛn bɛlɛti adane aiesiede

Ne hyɛn  tyre ho ayɛ trontrontrom tesɛ akwaraa foforo tuho

Sɛ ohunu agya prosini a

Na ↄde cedi mienu ahyɛ ne tumi krataa mu

Na oprosini Mumuni Nunu nso ayi ne bↄkↄↄ ama ne kↄ

Obiara reyɛ bi

Onumonyamfo Brɛnya a wafa sum ase anya contraage so commission

De ama Papa Atia a n’ano tↄ dwamu

Sɛ ↄnkↄbↄ kwan ngu so kootaa

ↄkↄbↄ kwan no a, na wa’gyai ama soru nsuo

Na suronsuo no nso atututu so

)hyɛnkafo Ofosu de mmrika huuu

Na wakↄtↄ amina mu abuafaso akum ne ho ne n’apassenger fo nnyinaa

Afei na Ofosu papa bɛfa puma asu

Akakyerɛ amanfo sɛ aban akum ne ba

Obiara nndwene ne ba no nfomso

Efirisɛ aban ahantan adane nkantankantan

Ama kɛtɛasehyɛ ayɛsɛ

abɛprɛye kro a asɛi abɛ duasa  yɛ wo ne me o

Oman yi yie yↄ

 

IV

Efiri nea ↄwↄ nsa tintinntini a ↄde wura aban sika futuↄ mu

De hyɛ n’afuru

Fa nea ↄhyɛbↄ a ontumi nni so de daadaa akra

Kosi nea ↄyɛ  aban adwuma nti ↄmpɛ adwuma koro

Oman yi bɛyɛ yie a na efiri me ne wo

Agya aban wↄne kyɛfa

Enti mere a amanyↄfo sei wↄ nkasafidie bebree so

Bↄ dawuro de srɛ  abatuo no

Enti wↄn ntumi nfa saa kwan no aa so

Ntu ↄman mma fo?

Obiara a ↄsↄ adeɛbiara a ontumi no, nswɛɛ!

***

Nnwumaguo eetwa ↄman mma asuo

Efi, a adane ↄman mma mmusuo

Kɛtɛase shɛ a adane ↄman mmua nkokↄ buo!

Ne mponkye funu a ɛti nkonwa kɛsɛɛ so

Sɛ ↄman yi gyina me so

Na  ɛsan nso gyina wo so a

Kae sɛ:

 

REFRAIN:

Sɛ ↄman yi bɛyɛ yie a

Na efiri me ne wo

Sɛ ↄman yi bɛyɛ yie a

Na efiri yɛn ara

Na efiri yɛn ara

Firi agyanom ne nnanom akuafo, akruufoↄ kosi aman mpanyinfoↄ so

Na efiri yɛn ara

Na efiri yɛn ara

Ei! akwadwofo ei, annuanomu mmratofoↄ ei ne ɛmfamehofoↄ

 

Na efiri yɛn ara

Na efiri yɛn ara

adwene deda yɛn tirimu yi

Na aso mu wↄ akwantuo toklo yi deɛ

 

Mesrɛ sɛ

yen ndwedwene ho

Efirisɛ efiri yɛn ara

Amoafowaa Sefa Cecilia (c) 2015

 

(For the benefit of foreign readers: this poem talks about people who are not patriotic and do things that do not promote the progress of their nation, in this case Ghana)

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “OMAN MMRATU”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s