A
Ɔde nsɛmkwaa atiti Amankwaa
Ama Amankwaa adane atitikwaa
Afei na n’akoma da egya mu
…ama ɔresu buei buei te sɛ akranteɛ a ne ho aka adwaa mu
B.
Akwadaa yi yɛ abɔfra
…na esu biara ma no neɛ ɔpɛ
Amankwaa yɛ abɔfra
…na ɔde tumigyeɛ n’ɛfa neɛ ɔpɛ
Wei nyinaa danee sereɛ wɔ n’agya afonomu
Ɛbɛyɛ den na onyini mmɛyɛ gyata
…mma efie biara Mensah mmfa wɔn ho mmata no?
D.
Amankwaa adane Abankwa suman
Ɔtiase paa nso ɔhaw ama n’adane nnipa mu saman
W’antɔ nisuo angu no so a
…na ɔde abɛbrɛsɛ mfuturo regu no so
Sɛ yee-yee nni Amankwaa akyi a
…na aprosifoɔ taa no so
E.
Amankwaa adane nsɛmkwaa a ɛnni sereɛ
W’adane ayɛmhyehyeɛ
…ɛne nyanbransɛm wɔ afutusɛm a efiri ano biara mu
…wɔ Abireɛ
Amankwaa adane n’agya Abankwa nisuo
Ne su ne ne ban a ɔsosɔɔ so no adane no mmusuo
Ɛ.
Enti sua firi Abankwa asɛm yi mu
Na fa akomapa titi wo ba
Efirisɛ ɛnɛ abɔfra yɛ daakye panyin
Abɔfra pa na enyini dane panyin pa
Sɛ wo dani Abankwa a,
…wo de kɛntɛn na ɛbɛkɔ nsuo
…wɔ wo mpanyin fie so
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 19, 2026.
Categories