Categories
POETRY

NSU-YIRE ANIBERƐ


Sɛ ɛrehuro yi na ɛwɔ sɛ yɛnoa nokware
Sɛ ɛrehuro yi na yɛ hia nokware ntutuo
Ato y’anibere nso nokware adani apopobibire
A etumi patri ne somafoɔ ma no yira ne kahyire
Hwiee nokware to gu ma suban bɔne kɔso ara epia nsuyire

Nsuo yɛ yɛn akoa
Nso ebetumi adane yɛn wura
Nsuo som yɛn
Ebetumi nso akumkum yɛn
Yɛ nom nsuo, nso nsuo betumi amimine yɛn
Nti fa akoma pa tie

Mfie aduesia nsia faahodie nie
Nsuyire ampatu prɛkopɛ sɛ ɛbɛyiri Nkran
Yɛn su ne yɛ ban na akeka abobɔ so
Ede yɛn abɛwiewie nɛ
Yɛn a yɛtoto nnwura gu gu mmɔntene so
Yɛn a gutter mu adane yɛn bɔɔla hyɛ
Yɛn a yɛsisi adan sisi nsuwa nsuwa ne afrɔ mu
Yɛn a y’ahehyɛ yɛn afieafie mu tilese
Nyinara di fɔ wɔ saa nsuyire yi ho

Efirisɛ efi kitiwa bi kekebɔmu dane kakraa, sisi nsuwasuwa kwan
Efirisɛ asaase no ammusa yɛn akatua kɛse biara
Nea ɔpɛ ne sɛ ne nsuwa nsuwa bɛnya baabi afofa,
Ataataa na w’amimim
Na nso yɛn pɛsɛmenkomnya se daabi da

Enti asaase nsuo taa taaei a
Ɔde ahoɔdene bubu
Ne nsuo taetae a
Ɔde anibere memene
Ne nsuo tatae a
Ɔde ɔhye hunahuna
Mpo tumi de ɔhyɛ kumkum
Ɛno ne yɛn nɛ

Enti obi mmra o, obi mmɛgye yɛn o
Yɛn agyenkwa ne nsakrayɛ
Me noɔma asɛi o, mɛyɛ den nni
Hyɛaseɛ firi wo mantam nsakrae
Yie, nnipa na akeka ɛhyɛn ne adan so ne emu yi
Ɛyɛ awieyɛ anaa?
Daabi, ɛyɛ suban mmɔne a ehia nsakrayɛ

Enti wo a wo dan si nsuo mu
Fa ntama bɔ wo yɛm na yɛn mmu ngu
Wo a baabira yɛ wo bɔɔla
Fa anibere tutu saa wo suban bɔne n’ase
Wo a gutter mu na wohyɛ wo bɔɔla
Fa anibere pɛ nwura korabea pa
Galamsefoɔ nso nsua nyansa,
…na ɛno nso ho mframa ɛrebobɔ ba
Efirisɛ wei yɛ ne nkitiwa mu
Sɛ yɛ tɔkɔso a
Dakoro yɛ titi ha saaa na Nsuwasuwa akeka yɛnkwa abobɔmu de apata wɔn ho
…te sɛ Noahmere
Ama Ebo Noah adani odii
…a oni akyidifoɔ
Na ɔne yɛn akɔpiri wɔ nsuo menemu
Ghana a na yɛ wɔ
Enti mo ma yɛn ma yɛn humire so
Mfa suban papa mmɔ ho ban
Amoafowaa Sefa Cecilia @ July 3, 2026. Sending positive vibes to all flood victims. May we be consoled. But let’s rethink and do better, police eachother and leave waterways be. God bless us all, God bless Ghana.

amoafowaa's avatar

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a comment