Categories
POETRY

GAANAMAN

Ei!
Saa Gaanaman gyina ne nan so!
Ei!
Saa na Gaanaman yɛ abibiman mu ahenman!
Ei!
Saa na wo yɛ Gaanani a
…na wo yɛ ɔmanhenewa!

Me ne me manfo bi yɛ bonuayɛfoɔ
Me ne me manfo bi ani nsɔ ade koraa
Me ne me manfo bi annyɛ ntotoho papa anhunu yɛn man yi ho mfaso
Nanso yɛ bɛ yɛ nsakrayɛ

Efirisɛ Anaafoɔ Abibiman manfoɔ ama yɛn ahunu nsonosoyɛ

Wɔn mu pii adesuade yɛ animguase nsisoɔ
Wɔn bue wɔn ano a na aniwuo
…adane ntamagu akyekyere wɔn man
Wɔn adwene yɛ nkitinkiti tisɛ ntatia agyanan
Enti kasa ntiaseɛ papa biara mbata wɔn adeyɔ nkyerɛmu ho

Sɛ yɛ yɛ nnyata a
…wɔn yɛ nkura
Sɛ yɛ yɛ akɔdeɛ a
…wɔ yɛ mpete
Sɛ yɛ yɛ asono a
…wɔn yɛ nkakapɛ
Mmere aguan abɛsi anibue kwan so yi
Wɔn gu so titi nnua so wɔ wɔn tirimu
Atuturasɛm yɛ wɔn ntaade
Monaatuoɔ yɛ wɔn agudeɛ
Awudisɛm yɛ wɔn ahenkyɛ
Ɛna anibue yɛ adeɛ a wɔn nhunubi da

Wɔn man nkɔso da nnya mmɛn dabi mpo na abɛ bɛn ne dabi
Wɔn mu bebree suban te sɛ, sɛbi, mmoa ase mmoa

Enti m’ani asɔ me man
Ei, m’ani asɔ me tenabea!
Amansan ei m’ani asɔ Gaanaman mu ha

Nea ehia ne sɛ yɛbɛdi yɛn ho ni
Neɛ ehia ne sɛ yɛ bɛ bɔ yɛn man ho ban
Neɛ ehia ne sɛ yɛ bɛ kɔ so adodɔ yɛnho yɛnho
Na y’apri mpuntu nkɔsoɔ
Ɛde asi yɛn man akɔduru nkɔsoɔ apampamu
Amoafowaa Sefa Cecilia © June 14, 2026.

amoafowaa's avatar

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a comment