Nsuyire yɛ kɔkɔbɔ
Ɛsan nso yɛ awudibɔ
Nsuyire te sɛ abufuw nkitiwa
…bebree a ahyia ɛreyɛ nnyɛdoa
Wo ne me nneyɛɛ
…ɛna abɔ mu ɛrekɔ yɛn ɔsɛyɛɛ
Enti kae
Kae sɛ nnwura kora basabasa
Gɔta mu bɔɔlahyɛ basabasa
Nsuwansuwa mu adansie basabasa
Nyinaa ka bɔ mu
…na esi nsuyire
Enti nya nyansa
Na bɔ mɔdene fa wo nsa yɛ adwuma
Ti wo gɔta mu
Pra wo fie mu efi
Na kora wo fi wɔ baabi papa
Nnane mprako a wɔn dan efi
…goro efi mu
…tumi didi wɔ wɔn fi mu
Na wo yɛ nnipa
Mma wo dansie basabasa
…nkunkum nnipa bebree
Ma wo tirimu mmoa mmu wo fɔ
Na yɛ nea ɛyɛ
Efirisɛ, yɛ kɔso sei ara a
Nna bɔne yi nnyinara de yɛn bɛduru da koro
A yɛ bɛ da anyane no
Na y’adanedane nsuomunam
…adane nsuyiri abasobɔdeɛ
Adwene nyinaa nkɔ nsuyire ho ako
Efirisɛ yɛn nyinaa mmɔdwisɛ na ɛho apa so yi
Egya tɔ ɔfa a
…ɛbɛhyi ahyi ne nnyinaa
Amoafowaa Sefa Cecilia © May 26, 2026.
Categories