Categories
POETRY

AHUOƆFƐ AKATUA

A.
Ahuoɔfɛ te sɛ ohuruyɛ
Ɛbɛ huhu wo
…akeka wo
Ahuoɔfɛ te sɛ yareɛ mfitiaseɛ
Abusua ngyigyesoɔ da mmere so
Enti na me nfa ahuoɔfɛ nyɛ aduane
…mpo na me de abɛdane nsuo

B.
Ahuofɛ adi m’abrɔ
Ɛde akoma bɔne bebree agu me so
…ama m’atiti ahwe anya ekuro bebree wɔ me kra-nam ho
Ama m’abrɛ
…aa aama me ahume
Ama m’asu a ankyekyere me were
Ama m’aniwuo
…aa anbue kwan aamma ne nkyerɛkyerɛmu
Ahuoɔfɛ yɛ ogya yɛ awɔ
Ahuoɔfɛ yɛ ɔkɔdeɛ san yɛ ntamago
Ahuoɔfɛ yɛ tumi
…aa ne nanso boro aduoɔson nson
Ahuoɔfɛ yɛ pusa a obiara pɛ kakra apa n’anum
Ahuoɔfɛ yɛ mmorosa aa egya awerefre
…san sɛi nnuɔma

D.
Ahuoɔfɛ mmere nyɛ fɛ
Etisɛ nhwiren
N’awia fɛfɛɛfɛ
…n’anwumere tantantan

E.
Me nya anka ahuoɔfɛ yɛ nsuomunam
…ɛna me yɛ ananse
Nanso ɔbra nkɔbesie
Me bayerɛ abɔ awie no
…na me nwura ayɛ hyireen
…ɛrefrɛfrɛ aniwa aniwa
Ama n’abasobɔdeɛ adani fewdie wɔ m’asom

Ɛ.
Ahuoɔfɛ nkrantɛ!
Ahuoɔfɛ dua!
Ahuoɔfɛ atɛntirɛhuo!
Ahuoɔfɛ ntamago!
Yi wo han firi me so
…na me ngyi m’ahome
Wo mmaa me daama da
…na w’abɛ bɔ me simpoa nsamrane
…ɛwɔ m’ayie ase kwan yi so
Amoafowaa Sefa Cecilia © Feb. 22, 2026.

amoafowaa's avatar

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “AHUOƆFƐ AKATUA”

Leave a reply to amoafowaa Cancel reply