Abena mɔborɔwa, ewiase bɔ me pusa
Wɔn de awareɛ danee aban-kawa guu m’anuonyam nsa
…twii no kɔtoo aniwuo kokomu
Me de ɔyiaw ne amanehunu firii mu no,
Wɔ san de awoɔ bɔɔ me kwaadu wɔ amansan asɛmdibia
…ma me dii nkuguo pɔtɔɔ
Me de apiriapireɛ woo ba baako pɛ,
…na wɔn san de ‘ba koro’ suboɔ bɔɔ m’ahweaseɛ
Afei wɔn reka m’anim sɛ me nni daama
…me nni dan nso menfie kɔ anim
Wɔn ɛde kwati kwan adane me oguan
…pɛsɛ wɔn frɛ me ɔsansani
Nso amansan na ɛbɔɔ kwan
…epia me ma me faa so
…kosi sɛ m’abɛduru ha yi
Enti wɔn ɛɛpɛ akyerɛ sɛ mentumi nni nkunim
…wɔ ewiase firisɛ me yɛ ɔbaa?
Enti wɔn ɛɛpɛ akyerɛ sɛ mere nkɔ kan wɔ abrabɔ yi mu
…firi sɛ me yɛ bɛsia?
Enti wɔn ɛɛpɛ akyɛrɛ sɛ anamon biara a m’ɛtu
…ne baabiara a mɛduru
…kwaadu gyina hɔ retwɛn abɛsɛn me kɔn mu te sɛ kɔnmu-adeɛ?
Me yɛ ɔbaa nti
…me nfata anuonyam?
Me yɛ ɔbaa nti
…me nfata humieɛ?
Me yɛ ɔbaa nti
…me nfata asomdwoe?
Ewiase abɔ ɔtan ama ne mmaa
…ɛna wɔn regu so rebisa baabi a ɔhaw ne amaneɛ firi
Efiri m’apampa mu ooooo tom!
Amoafowaa Sefa Cecilia © August 2025
Categories
3 replies on “Wonya Baako a Wɔse Mienu”
Beautiful ❤️
LikeLiked by 3 people
❤️
LikeLiked by 2 people
🙏🏼
LikeLiked by 2 people