A
Me na me dan bɛn tiefi
Enti m’aso ɛsɛ atie-foo ne atie-fi
Nanso mo nkae sɛ
…m’ano ɛbɛ tumi akyerɛ amansan mo trumu-nnwom a mo de retetɛ
B
Me na me nisuo nni ɔpupafoɔ
Enti me fata sutrɔ firi nsa a ekura agyimifoɔ ahomasoɔ
Monkae sɛ, Nana Nyame hwɛɛ aboa biara so
…na ɔbɔɔ n’akodeɛ a ɛbɛhwɛ ne so
D
Me na me fata awerɛhoɔ
Enti mo hyɛ me nisuo ɛne abufuw ahoroɔɔ
Monkae sɛ, akuma a ɛbrɛ sua ahomasoɔ
…nya anigyie wɔ n’ahantan yɛ mu san dani awerɛhoɔ ahifoɔ
Ɛ
Enti mo a mo de mo nkwasiasɛm
…adani me anansesɛm
Mo nhuhu sɛ, mo atɛnmuo nna
…hyɛ me daakye nsa
Mo nhyɛ mo ho ase
…na eduru hɔ a, mo atumi atete mo ho ase
Amoafowaa Sefa Cecilia © June 21, 2025.
Categories
2 replies on “AMMODIN”
I do not know this language but I love and applaud that you are writing in a language other than English.
LikeLiked by 2 people
It is the Akan Language of Ghana.
LikeLike