Categories
POETRY

AMANBƆFOƆ

Ɔse aban a ɛte so yi yɛ n’aban
Enti bɔne biara a ɔbɛyɛ no aban no bɛbɔ ne ho ban
Nanso Eno e
Agya e
Aban yɛ ɔman yi hyɛnkafoɔ
Ɛnyɛ nnipasuo bi banbɔfoɔ
Ɛyɛ kɛtɛasehyɛ ne prɔyɛ
…na ɛde yɛn aduru saa ɔhaw yi asuɛyɛ
Enti fa adwene na di asɛmpa
Mɛntoa suban bɔne yi so mma no nka

II
Efirisɛ aban kɔ ma aban ba
Nso ɔman Ghana yiedie nnya nkɔɔ kan
Yɛ bɛ nyini awuwu
Ɛyɛ enkyirmah na ɛbɛ ba abɛ su
Enti twa musuo suban yi a ɛɛbɔ yɛn man yi
Di asɛm pa na nya ɔman pa
Nnipa na ɛyɛ ɔman yie
Ɔde ne suban na ɔde piri ɔman asiesie
Dɔ wo man sene w’anum ne wo tirim dɛ
Na anyini abɛyɛ ɔman a ɛyɛ fɛ
Amoafowaa Sefa Cecilia © April 18, 2025

amoafowaa's avatar

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a comment