Categories
POETRY

MAAME AMA DONKOR (An elegy)

Wo wuo yi yɛ dae a, anka anigye tuo
Na me de bɛ ko ɔhyew abufuw
…a ɛrenoa m’anisuo
Ɛsan so reto nnwom-nkuguo
Ɛrehyɛ m’akuma tuo

II
Ɛyɛ atesɛm a, anka me de huro buoɔ na ebɛdi no dɛm
Ahyɛ ɔkonkonsani abotisɛm
Ama w’ato ntorɔ anansesɛm
Na wɔn afura aniwuo te sɛ wɔn akokyɛm

III
Wo bra kosi wo wuo
…gya me nisuo
W’ahofama ne wo dɔ kɔm, hyɛ me nkoguo
Wo brɛ ne wo ho tan, sua me brɛguo
O mesrɛ Agya Owuo
…sɛ ɔntɔ humeɛ nsuo
…ngu wo so, na wo kra nso ante nisuo

IV
Sɛ ɛyɛ ampa sɛ wo sumsum na na ɛsei efie
Ɛmma tɛkrɛma a ɛpɛ wo wuo ɛnyɛ yie
…a, ɛneɛ ɛwɔ sɛ yɛti wɔn adefo mpanpan wɔ asie fie
Ɛfirisɛ wo berɛ ma me yɛ merɛ
Firi wo mmabaawa berɛ mu
…kosi wo mmerewa serɛ mu
Kosi wo wuo mu

V

Sɛ ntorɔ tɛkrɛma nsɛm mu wo nokwari a ɛti sɛ panieɛ koraa a
Ɛneɛ ma wo woɔ yi ma wɔn nyɛ atitiriw
Efirisɛ wɔn suboɔ ho buoɔ
Na ɛkyiran adodoɔ
…firi wo ho kosi wo wuo mu
Sɛ wɔn pɛ wo duku de bɔ ɔfoforɔ a
Ko oni ko mmoa wɔ yɛsi yɛsi nkrantɛ ano
Na oni ko aanfa awerɛhuoɔ aanfa ne nsa atwitwiri ne bo
…wɔ ɔyiaw ne awerɛhoɔ mu te sɛ wo
Damirifa due Maame Ama
Due due ne amnihunu
Amoafowaa Sefa Cecilia © Feb. 2025. In honour of one whose life required the help the cowardice seized in all of us.

amoafowaa's avatar

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a comment