Categories
POETRY

OBI NIM O

Aso egya pɔn adane agya pɔn
…de anibue mfeawa ahwe anyansafoɔ a wɔn adeda
…anyane wɔn afiri gyimie mu anaa?
Ei!
…Obinim Obinim sɛɛ na obi nim o!

b
Ɔbɔfoɔ a ɔdane bɔmɔfoɔ de nnadaa aboɔ
…ahyɛ nyame tuo mu de ɔgyeɛ
…adane papa ɛɛhu n’akyidifoɔ aniwa akyi
…de kum wɔn yieyɔ we wɔ pɛsɛmenkomenya tirimupɔ so
…n’adane oguan gyimifoɔ a ɔhu atwiitwii apa so yi?
Sɛɛ ntrɛne a emaa amanfoɔ guane kɔ tetɛ
…wɔ ehu mu te sɛ nkura a wɔn ahunu ngyinamoa yi nyinaa
…yɛ otope ntrɛne?
Ɔbɔfoɔ abofuno!
Ɔyaresafoɔ a ɔko funo!
Yarekyɛfoɔ a ɔpupo! Tumidifoɔ a ɔdane moadomah te sɛ
…nkraman ne ngyata
…awɔ ne ngyinamoa
Ɛnɛ yi ɛɛto Akɔnɔba adonko?
Na yɛnkɔma ne kɛtɛ ase nhwɛ adeɛ a
…ei! Mprɔyɛ mu kankan!
Obinim Obinim sɛɛ Obi nim o!

d
Afei hwɛ n’ahopupu
…ɛkyɛne afidie a ate afaso
Afei hwɛ n’ahowoso
…ɛsene hurayɛ a ɛɛte akoma
Afei tie n’anum komm yɛ
…ɛsene Kwahu Obo Baamu
Saa nnaadaa ataadeɛ yɛ wurɔna?
Ɛyɛ ampa sɛ huuhuu pioto yɛ de mmra na ɛwurɔ o!
Obinim Obinim sɛɛ na Obi Nim o!

e
Agyapɔn nnya mpɔn yɛ mpo na ɔbɔfoɔ ntaban atete yi?
Ogyapɔn nnya nsɔ yɛ mpo na Onyame Ba honam ɛɛnoa yi?
Ke n’ɛde Gyapɔn apia fi akɔsie komyɛ buo mu yi?
Yɛwɔ barimah na yɛ wɔ Barimah
…yɛ san nso wɔ BARIMAH
BARIMAH akyerɛ sɛ saa Barimah yɛ barimah
…a ɔtetɛ hiri baba mmaa a wɔn ne ahoɔden kaba mmɔtuwa mu
Obinim Obinim saa na Obi Nim o!

ɛ
Afei Agya mpaebɔ mmoa nhye gyidie kokomu fi nyinaa
Ɛnyi Ɔman Ghana mfiri aguanhwɛfoɔ mpataku nsɛm
Na ɔman yi bɛyɛyie a
…na wɔn a wɔn wɔ ani papa
…na wɔn san wɔ ano a ɛkɔ badwamu
…akyerɛ ɛkwanpa ama huhuhuhu awu wɔ nnimdeɛ piaw ano
Amoafowaa Sefa Cecilia © March 27, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

6 replies on “OBI NIM O”

Leave a comment