Categories
POETRY

AHOBANBƆ

Sɛ afe afe ne ho afiri n’aprɔ
…ɛɛkɔ tɔ afe foforo nhyiaso yi
Asan afedie bebree na asumsum
Ɛnti ahwɛyie ne ahobanbɔ afidie
…na onipa biara hia de ayɛ ahowen

II
Bɔ wo ho ban firi asan ho
…na ma w’adɔfo adwen nkɔ adidie
…wɔ asomdwoe agrɔdibea
Bɔ wo ho ban firi ɔhaw ho
…na ma w’adɔfo tirimupɔ nnyɛ adwumadin
…mma ho mfaso bi nso wo so
Bɔ wo ho ban firi kookaa kookaa ho
…na ma wo fiefoɔ enya adwobrew abodin
Mpo yɛ ntasa ahwɛyie
…na obi mfomsoɔ aandane w’asan
Nna pɔ kitiwaa sane yɛ sane na
Ɔhaw tɔ buɔ nnyɛ den
…nso ne kɔdae yɛ ademua

III
Obiara hwɛ ne ho
…susu
…ansa w’atwa n’ataade
Obiara ka ne kenten
…butu
…ansa w’atam ahyehyɛ ne nuɔma apue
Onyansani na ɔde n’ani hwɛ
…ma n’adwen dwen
N’aso te
…ma ne hwene hwan
…ansa n’ano aka anaa
…ne nan akɔ
Anaa mpo
…ne tɛkrɛma atam akɔto ne yɛm
Amoafowaa Sefa Cecilia © December 27, 2019

amoafowaa's avatar

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

9 replies on “AHOBANBƆ”

Leave a comment