Categories
POETRY

W’ABEN

Sɛ yɛ ka sɛ obi aben a
Obimanso no
…atitiriw fo hwehwɛ no
…sua firi ne hɔ
Nanso ɛha yi
Amanfo hyɛ ɔtan wɔ aniberɛ kukuo mu
…de si ahoɔyaw gya so
…de homhom fi dane papa
…bɔ mu sɛɛ huu huu huuu
De gu abenfo ho fi

II
Enti yɛ bɛ yɛ dɛn aduru nkɔsuɔ kwan so?
Yɛ firi he na y’akɔto nkɔsoɔ anansesɛm?
Yɛ bɛ gyina he apopa ohia mfifire?
Okuani biara nni hɔ a otwitwa ne nnɔbae pa guo
…na ogyina nwura de di akuafohene

III
Asowaasowa a ɛwɔ nyansa ti pɔ no
…entie wɔ badwen-nsakrayɛ kwan so
Amoafowaa Sefa Cecilia © August 23, 2019

amoafowaa's avatar

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

6 replies on “W’ABEN”

Leave a comment