Agoooooooo
Nsu kↄkↄↄ retↄ ama abibiman asaase rebobↄ
Agoooooooo
Yenim nia yenim nso nim ntumi ngyina Ntim Gyakare aniso gye ↄhyἐ
Agoooooooo
Asantehene fa Sika- Akuma brἐ yἐn
Na fa bi kↄma agya aban.
Agoooooooo
Yede obuo ne nnidie na ἐbἐba.
Na adἐn?
Obi bἐ bisa,
ἐne diἐ ἐyἐ bↄne a, yἐnka sἐ ἐyἐ kuro
Y’ahunu SADA, GYEEDA ἐne ne DA DA foↄ
Y’ahunu faanwo ntaban a aban de ama
Y’ahunu ἐboↄ kἐseἐ a ↄde ato adwumayἐfoↄ akatuya chↄↄↄku
Mentumi nka akumatesἐm yi nyinaa
Agua yi yἐ yἐn nyinaa ti
Nsa duduↄ pia obaako kↄ tenaa so sἐ ↄhyἐnkafoↄ
ἐno nkyerἐ sἐ ↄmpae y’apampa mu.
Afei diἐ yἐn mene amemene
Yἐn ani ayἐ apotweapotwee n’enso, yἐn hu hweee
Y’ako ako ako ako ako ako ako
N’enso enkosi aga
Enἐ diἐ Kontonkoronhwi a nyansa bru wosu
Fa wo Sika -Skuma no frἐ
Na y’ἐnfa yἐn ntↄkwa yi nsi ha
Diἐ yἐpἐ aaa ne sἐ obἐsi afiri akonwa yi so
Efirisἐ amonsene nyἐ ade a, yἐde sikapuduo tↄ
Wↄ mmere a ἐkↄm brane ἐde abrane
ἐyἐ bokↄↄ na y’ἐpἐ
Yede yἐn adiἐ ahyἐ wo nsa
Afei yἐἐgye a, ennyἐ ntↄkwa.
Abrewatia, m’ano asi.
Amoafowaa Sefa Cecilia © 2014