Mako, gyeene,
Nkyini,ntↄrewa
Koobi,mↄmↄni,
Kako ne apesie
ἐnwu gu so a
Na asἐi koraa
Brↄdeἐ, kↄkↄↄ kakra
Mako, gyeene ne enkyini,
Ayowa su wↄ tapoli nsἐm,
Na enwu fↄ wↄn nkabomu mu a
Na nsuo a emu adwo tena nkyἐn hyἐ bↄ a
ἐneἐ na w’awiewie me koraa
Banku gugu ne hu
Na nkruma ma ne so a,
Sἐ koobi pata no
Na momoni yi ne mu a
Ano pagya no, na tἐkrἐma pia n’akyi a
ἐneἐ na onua, w’aku me koraa
ἐyἐ ampa sἐ ἐnnuↄma a ἐdἐ
Wↄ nnua mu.
Amoafowaa Sefa Cecilia (c) 2014.
(Picture from the www.ghananation.com site)