Yἐde nam ἐna eyi nam
Nanso yἐ nsuomu nam nyinaa na akwabenane ayi ἐἐwe yi
Yἐ bἐ yἐ dἐn na yatumi akↄ yi nam?
Sika kↄkↄↄ yi nyinaa hyἐ ἐnam yi anum
ἐna akwabenane a wↄn abἐ agasigasii
ἐwe nam a yἐdirekoyi nam no
Yἐ bἐ yἐ dἐn na yakↄso?
ↄman yi awerἐwerἐ sika de agu sikagwa
Sika a efiri akuafoↄ hu
Sika a efiri akyerἐkyerἐfoↄ hu
Sika a efiri ahiafoↄ hu
Yawerἐ a ama wↄn hu ἐpram mogya
Na yasuma wo sἐ kↄ na fakↄ yἐ adwuma a
Na moretwe kↄ gu mu fie
Modebi ἐreyἐ mpa
Na mootobigu
ↄman yi na ἐrebↄ yi
Sἐ yἐ nsuo yi nyinna we a
Emu nam nkituwa yi, yἐbἐyἐdἐn nayatukwan akↄ pἐ nsuo a emu dwo?
ↄman yi a na yἐ wↄ
ↄman yi yἐ wo de
ↄman yi yἐme de
Enti dwene adwene pa ma wo man
Na menso mendwene adwene pa
Na ↄman yi bἐyἐ yie a, na efiri me ne wo.
Amoafowaa Sefa Cecilia © 2014
One reply on “AMANFO”
Can I get the English version
LikeLiked by 1 person