Categories
POETRY

FAWOHODIE DA

Prayɛ afutuo
Adwumadene ntutuo
Nkoasom abufuo
Nfa nnipakuo nkɔ sereɛ nkoguo

Ohia mfuturo
Prɔyɛ mu tuo
Kɛtɛasehyɛ ahuro
Y’ada akyɛre nti etire ne akoma nyinaa mfom mpuntuo

B.
Efirisɛ Ghana abɔ aberewa
Nti ɛnyɛ nufutaberabafɛ ne babunu bogyina
…na w’ayɛ mfomsuoɔ akɛseɛ ama ɔdɔ aniwa agye no de afa so agoro ne ho

D.
Enti nnwuma  nwuma a esi apanpan so ɛrekɔ akyima
…mo ma yɛn ngyae
Amanyɔ tantan a agye yɛn sinifidie so afa
…mo ma yɛn gyae
Atuturasɛm a agye yɛn amanyɔ afa
…mo ma yɛn ngyae
Mmataho mfasotuo
…mo ma yɛn ngyae
Akwadwurɔ nsaburɔ
…mo ma yɛn ngyae
Galamsey sɛbi nkwasiatuo
…mo ma yɛn ngyae
Yɛ hwiri nnipa
…hwiri nsuwa nsuwa
Yɛre pɛ mene  mu nsukɔm wɔ yɛn daakye?
Nkyekyɛmu yi o
…mo ma yɛn ngyae
Mmɔfra sɛyeɛ eei
…mo ma yɛn ngyae
Asɔfoɔ aturufoɔ asififoɔ eei
…mo ma yɛn ngyae

E.
Na yɛsii mo akyeri
Sɔriɛ mmere nie!
Onyini mmere nie!
Mpuntuo mmere nie!
Nkɔsoɔ mmere nie!
Aduosia Nkron nyɛ abotafowaa agorɔ
Enti nsa bɛnkum nyinaa moa nsa nifa nyinaa
Na yɛnfa ntama papa nfira Ghanaman
Amoafowaa Sefa Cecilia Ɔbɛnem 6, 2026. With inputs by Nana Ama Dansowaa Nuamah.

amoafowaa's avatar

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a comment