Abofoɔ-abɔfoɔ de nkokɔhwideɛ ahayɔ ako gu
Ama nkokohwideɛ a wɔn ntakra mu yɛ den
…adane fie nkokɔ wɔ amafoforo afie afie mu
Afei abofoɔ yi mpɛ nkokɔhwideɛ-Nkokɔ yi wɔ wɔn afie afie mu
Nso nkokɔhwideɛ-nkokɔ yi werɛ afiri sɛnea wɔn tu
Ama wɔn ntakra adane papa a erehuhu wɔn wuranom ho
Nanso wɔn ebuomu ɛrehyehye
Ɛwie a wɔn tu wɔ mu ɛredane
Ama wɔn tu-nnwom adane
Wo bɛ ti:
Me pɛ sɛ me ka na me da
Me pɛ sɛ me bri na me ti
Me pɛ sɛ me u na me sa
Na nso m’a gha aha na
Nkokɔhwideɛ-Nkokɔ eeei, mo nkɔ mo fie
Nkokɔhwideɛ-nkokɔ eeei, mo ntena mo fie
Nkokɔhwideɛ-Nkokɔ eeei, mo mma moani nka mo buo mu
Na mo nsiesie mo deɛ
Mo ngyae sɛ moadani mprako papa
Ɛde moadehye mogya ɛre twitwiri fi
Ɛde regye animguase wɔ animgyase akwantuo mu
Efirisɛ mo wie wei ase ɛyɛ fɛ
O mo atenaberɛ nyinaa wɔ mpuntuo daakye
…a wɔn ɛretwɛn wo adwuma nsa ama wɔn akɔ wɔn adwuma yɛ
Enti mma mo nkɔ ne yɔɔ
Mo ntena nyɛ no papa
…mma amanaman mmra ha yɔɔ
Na mo nso atumi amoma mo abatri so wɔ mo man
…mo ne yɔ abasobɔdeɛ mu
Amoafowaa Sefa Cecilia © March 4, 2026.
Categories