Nea onim ne nkyi
…nhweri n’animuonyam
Enti si nketee sɛ
…bosome yi,
Wo bɛ di Ghana aduane
Ahyɛ Ghana ntaade
Abɔ Ghana ho dawuro pa
…akyerɛ amansan
Ma wo suban nkyerɛ yɛn wo nnipa ban
Ma w’ahofadeɛ nkyerɛ yɛn w’ahoɔfɛ
Ma wo dɔ nkyerɛ yɛn wo nnipa suo
Efirisɛ, yɛ yɛ asomdwoe man
Yɛ yɛ ɔdɔ man
Yɛ kyerɛ ahofama
Yɛ bɔ yɛn ho yɛn ho ban
Yɛ wɔ amamrɛ papa
Yɛ bu yɛn mpanyinfoɔ
Yɔ dɔ yɛn abusua
Yɛ piri han ma yɛn mpɛsuaso
Enti yɛ w’adwuma piri nkɔsoɔ
…bosome yi ne daa
Fa w’ano ka nsɛm pa
…bosome yi ne daa
Bɔ bra papa
…bosome ne daa
Bɔ kwan pa to nkyirimma anim
Na ɔman yi yɛ yɛn agyapadeɛ
Ɛyɛ yɛn tenabea
Ɛyɛ yɛn adeɛ nyinaa
Amoafowaa Sefa Cecilia © March 2, 2026.
Categories