Ɛnɛ ɔsrane
Gyina ewiemu te sɛ esum kura
Ɔsrane eeeeei, tie m’amaneɛ
Ewiase ɛyɛ dɛ
Ewiase ɛyɛ fɛ
Nanso nnipa te sɛ kurowa
Ɔnkyɛ na w’abɔ
B.
Enti nka ka baabi a wo wɔ
Na hyirɛn baabiara a mɛ kɔ
Ɛnɛ ɛhan ei
…Ka babia wo gyina
Na boɔ ma me nna ngyina babia ogyina
Onyin ataadeɛ abɛhyɛ me
Ɔhaw adane m’adwenkyɛ
Ewiase gyina babia ogyina
Nanso me de mmirika rekɔ baabia me nnim
D.
Enti ɛnɛ ɔsrane ei
Fira me sum ani
Ma n’anifira nka me
Sɛneɛ me ne wo bɛtumi atena ewiase sɛneɛ y’ahoɔfe tiɛ yi
….daaa
Amoafowaa Sefa Cecilia ©September 27, 2025.