Categories
POETRY

DADDY LUMBA

Na me mpaebɔ ne sɛ, me rensu mma wo wɔ me mmabaawa brɛ yi mu
Na me mpaebɔ nso ne sɛ , wo nkra yɛn animanim yi ara
Efirisɛ na me pɛ wo asɛm bebree
Wo maa ewiase hunu sɛ anidaso wɔ hɔ ma obiara
Wo san kyerɛɛ sɛ Onyame were nfiri ne mma
Wo de afutuo akɛse na egyaa ewiase
Na wo nim nnipa su nti, wo kaa sɛ ‘yɛ ne wo sre kwa’
…de tuu adɔfoɔ fo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnkɔ nom ‘Poison’
Wo srɛɛ sɛ yɛnfa bɔne nkyɛ
De nyansa tu yɛn fo sɛ
Yɛ kurakura abrabɔ yi mu kwa
Efirisɛ na wo nim sɛ adaka tea da hɔ ma obiara

Daddy, wo dɔ a na wo wɔ ma mmaa yɛ sronko
Wo hyɛ sɛ mmaa nsɔre
San hyiraa mmaa
Wo san kyerɛɛ ɔdɔ maa daakye mmɔfra
Nti ɛnɛ, w’akɔ ka Theresa Abɛbrɛsɛ ho a
Yɛnsei wo din
Ankwanoma, afei deɛ wo akɔ ka akwantuo brakyeɛ mu
Akwantuo a ɛyɛ ‘dangerous’ efirisɛ ɔpono biara nni hɔ a ɛbɛma w’asan w’akyi
Nanso wo ne dɛɛdɛ no nnwu da

Daddy da yie
Onyame nfa wo nsie
Wo bɔ bra, ben wɔ wiase ha, nyaa sika
Hwan na ɔtene?
Nso wo som Jesus
De ɔdɔ pɛɛ nnipa bebree asɛm
Enti kɔ te sɛ ɔkɔreɛ na kɔ da wɔ wo Nyame kukumu
Kosi sɛ yɛbɛhyia wɔ ɔbra yi asuogya
Amoafowaa Sefa Cecilia © July 25, 2025.

amoafowaa's avatar

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a comment