Ɔman ti pa
Ɔman akoma korɔɔn
Ɔsaagyefo
Nkrumah Show Boy
Kukudare
Ɔmangyefo
Abibiman twerɛduampong
Yɛn awia ɔsrane ne kanea a ne nkae nyera da
Ɔman ba papabi a y’ahwiri!
Ib
Y’atu mfie kwan firi nkoasom mere mu abɛsi nnɛ
Nso ɔmanpanyin biara nsene Nkrumah
Ɔno na na ɔyɛ nsa a ɔne n’afɛfoɔ ɛɛnwene Abibiman bɔ mu te sɛ ntama papa
Ɔno na na ɔyɛ adwene a ɔrehyɛ abibire mma akokoduro te sɛ nyansa asraafo
Ɛkeka wɔn akoma bɔ mu te sɛ anwenepapabi
Pɛɛ sɛ ɔbɛma abibiman so akoduru obuo te pɛn
Nso ansa na Fofie bɛba no
…na Atta akoduru nhanoa
II
Agya Nkrumah
Wo nsa ano nwuma gu so hwɛ wo man
…ɛne abibiman nyinaa
Agya Nkrumah
W’adwenepa ne nsusuyɛ na eguso
…ɛde ɔdɔ ɛrepupa yiaw
Ama anibue kanea ɛrehyirɛn wɔ abibiman nyinaa so
Ɛyɛ w’akyerɛkyerɛ na ɛrekyerɛ abibiman kwan
Ama wɔn afiri yira kuro yi mu ama wɔn akɔfa wɔn man ne ne ntama papa afura
III
Enti wo nkae bɛ hyirɛn afa owuo apakan mu
Ama aniwa aniwa a ɛti asaase so nyinaa ahunu
Mpo wo nwuma ho nfasoɔ
Bɛ kasa akyerɛ wo dɔ
… wo nimdeɛ ne wo nyansa
Enti Ɔman Ti Kwame
Wo nkae ti daa
Ɔman Ani Nkrumah
Wo ho dɔ yɛ daa
Ɔman akoma Kwame Nkrumah eeii
Wo kaneɛ hyirɛn daa
Mpo esum ne dum ne kum afrafra ntumi npupa
…wo nwuma
Nti kɔso da yie
Efirisɛ w’aboa yɛn asie
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 18, 2023
Categories
2 replies on “ƆMAN TI”
💜
LikeLiked by 1 person
💙
LikeLike