Maame Afua nyinsɛn ɛmmere a na ne kunu Kofi Afransɔ ɛne ne mpena Ama Duku nso awo ɔba barima ama n’atene. Na wɔn nyinaa te Baawie kuro mu. Na Maame Afua aware mfie nson a na ɔba biara mma. Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ w’afa afuro no, Kofi Afransɔ de abofunu aniwa hwɛɛ no soro kosii ne fɔm na ɔtwee no ka sɛɛ ‘pɛ anansesɛm fofrɔ bi to. Na saa nkontompo yi deɛ, me yɛ gyimini koraa, anka m’ehunu no mpɛtɛ takra mu.’
Owie yɛ ara na ɔsesaa ne nneɛma tu firi wɔn awarefie kɔtenaa ne mpena no so. Nna kraa nna ma Maame Afua afuru kyerɛɛ sɛ ampa w’afa afuro, nso Kofi Afransɔ de nsɛm hunu kaa sɛ, ɛyɛ aniwuo ntamagu na ahyɛ n’afuru ma.
Maame Afua woo yɛ no, onyaa abaayewa fɛfɛ a ɔtoo ne din sɛ Aniwuo Asa. Baawie kuro no nyinaa gye to mu sɛ w’awo abaayewa a n’ahoɔfɛ so nni sɛsoɔ wɔ kuro mu hɔ. Ne nyinaa akyi no, Kofi Afransɔ ampɛ amua.
Maame Afua titii ne mmɔwerɛ mu hwɛɛ ne ba no ma no nyin bɛyɛ abaayewa kromo. Agye ani antɔ no so, ani bɛfrɛ ahwɛbio. Ɛno nti onimuonyamfoɔ bi a na ɔwɔ tumi wɔ nsɛmtwerɛ adwuma mu twa no mfonin de kɔ too kowaa-krataa kɛseɛ bi anim. Ankyɛ na siniyifoɔ bebree bɛ too no so boɔ.
Aniwuo Asa din hyetaa Sikaman ne wiase nyinaa mu. Kofi Afransɔ hunuu saa ara pɛ na n’ani so tee sɛ ogya. Ɔkɔ dwane toaa mpanyinfoɔ sɛ wɔn nni n’anim nkɔpa Maame Afua akyɛw na ɔnkɔgye ne ba. Mpanyinfoɔ yi nso penee so dii n’anim kɔɔ Maame Afua fie wɔ kuro kɛseɛ mu. Ɔgyee wɔn fɛ so bisaa wɔn amaneɛ. Wɔn nso di wɔn nanteseɛ too n’anim.
Maame Afua de ahumu kukuɔ kaa sɛ ‘ɛneɛ mpanyinfoɔ ei, menko me sɛm pa. Me da mo ase paa sɛ mo atutu mo nan aba me fie de asɛm pa sɛɛ abɛto m’anim. Me nni hwee ka kyerɛ Kofi sɛ, me nim atwerɛ ne akenkan nti, wei deɛ me de twerɛdua too ho. Momma me mmere kakra na me nkɔfa mmera na yɛn bu ka no.’
Ɔka saa wei a na ɔbɔ wuraa ne dan baako bi mu. Ɛhɔ na Kofi Afransɔ ne ne mpanyinfoɔ hwɛɛ ne fie hɔ yie. Abansoro a y’aka ho ne mu nyinaa fitaa. Mfoni a nsutadeɛ fɛfɛ ne mframa ɛɛgoru bɔ fa na ne ba no ne ne maame nfoni nso bobɔ afa afa. Nkondwa ne adidipono a esisi asa so hɔ deɛ, ɛsɛ w’ani na ɛnsɛ wo ka kyerɛ; ɛyɛ krabɛhwɛ.
Maame Afua de krataa kakraka bi bɛtoo wɔn anim. Osii so de anidie kaa sɛ ‘mpanyinfoɔ, me srɛ, ɛka a m’abɔ wɔ me ba ne ho nyinaa na egu saa krataa yi mu no. Sesei w’adi mfie du nwɔtwe nti na nhoma no abobɔ apii so saa no.’
Ɔkaa saa pɛ na wei akɔhwɛ wei anim, na wei nso akɔhwɛ wei anim. Ɔpanyin baako de abufuo kaa sɛ ‘saa na wo yɛ ɔbaa mansotwefoɔ saa? Ewiase yi mu nyinaa, ɛhe na w’ati sɛ ɔbaa bi atwerɛ ka a w’abɔ ne ba ho firi ne mmɔfraase bɛsi ne mpanyifie so? Na me dwene sɛ wo ho dwo nso…’
W’anka anwie koraa na Maame Afua de kyɛwpa ka kyerɛɛ no sɛ, ɔserɛ no ɔnhwɛ na w’anya no kasatia. Kofi Afransɔ de ntɛntɛm kaa sɛ, ɛneɛ ɔntete sika a w’anya firi ne ba no ho no nfiri ne ka no mu na ɔnfa ne ba mma no. Nanso, Maame Afua de krataa no maa no san frɛ no banbɔfoɔ ma wɔn pam wɔn firi ne fie. Ɔka kyerɛ wɔn sɛ, ɔhyɛɛda twerɛ nhoma no mmienu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnmmerɛ, sɛ wɔn ba n’anim a. Enti onya ne sika no ne n’animguaseɛ mpatadeɛ no a, ɔmmra m’ɛgye ne ba.
Kofi Afransɔ kekaa kyerɛ Baawie asowa asowa a ɛpɛsɛ wɔn tie nyinaa san de Maame Afua ne Aniwuo Asa kɔɔ nsɛntwerɛfoɔ so sɛ ɔrekogu wɔn anim ase. Nsɛmtwerɛfoɔ nso kekaa bi ara, nso anka wɔn ntama mpo na akɔka wɔn wideɛ.
Aniwuo Asa de too dwa sɛ, mpo onyini no, owiaa ne ho kɔ kyia n’agya. Kofi Afransɔ ka kyerɛ no sɛ ɔnka ne mma ho. Sikaman nyinaa tuu wɔn ano guu Kofi Afransɔ so ma no de aniwuo kɔ hyɛɛ no ho ahoma
Nso n’ayie ase koraa no, tɛkrɛma bebree de nsɛmkeka na egyaa no kwan. Ɛyɛ atɔfowuo nso nti, wɔn bɔɔ no tawu kɔsie no a, wɔn anneda no koraa. Wei kyerɛ so, aba a woguo no, ɛno ara na wotwa. Enti gu aba pa.
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 2021. Edited by Dr. Kwabena Antwi Boasiako