Categories
POETRY

ADWOA FƆDWOƆ

Adwoa Fɔdwoɔ
Adwoa Fɔdwoɔ de saa de saa
…akɔ fam owuo bo sɛɛ bam!
Ama ne mmadwoa mpaebɔ aka agu
N’awareɛ anidasoɔ abutu
Ne Na ahobanbɔ apaska
…ama ne bayie kwaadu ɛɛdɛre buruburu te sɛ Ɔbonsamgyamu faango aka bɔne gya
Amanfoɔ eebisa deɛentia dua-wui gyina nkwamu
…ɛɛma dua-mono abu
Yei laaa!

b
Adwoa Fɔdwoɔ
Adwoa Fɔdwoɔ a oyiyii mmarima mu
…de ne tintin gramo bɔ mu doduoɔ noa ntrɛne
Ɛkɔfa barima bonuayɛ ni
…prapra ne sikafutoɔ mu nyinaa de no kɔɔ amanɔne
Ɛma no kɔ baayɛ bɛgyae no wɔ obonini ngyinasoɔ so
…ma no de ɔyaw ne n’anibre kɔ gyae ne ni so
…bɔ no bayie
Wɔ mere a na ne nyinsɛnyiguo mogya bebrebe
…eguso eesu wɔ ne mmabaawa berɛmu
Afei deɛ owuo kokomu na w’akɔbɔ ne ho adwaa?
Ɔyaw yei laaa!

d
Adwoa Fɔdwoɔ
Adwoa Fɔdwoɔ a ɔbɔ me mmɔbrowa asu
…de me si nkɔnkɔnsa kwansene mu
…noa me antobam
A na onnim m’ase mpo na w’akohunu m’aweiyɛ!
Ɛnɛ wo na w’ama abrane ɛɛsua wo mu duro
…atɔ mu nyarewa amema wɔn ho,
Ahunu adagya brane a n’anka ɛsɛ nsamrane
…a eenyinya kɔ mprɔyɛ mu
Amaneɛ yei laaa!

e
Ɛtwa sɛ asaase nom nsa
…Adwoa ei, ehia sika o!
Hwɛ sɛ abrane bɔtɔmu eesu sɛɛ fii fii fii
Mmusuo yei laaa!
Hwɛ sɛ Ɔpɛpɔn ɛde wo ho adwendwen ɛɛbɛpɔn!
Ɔhaw yei laaa!
Hwɛ sɛ wo ni honam merew ɛɛbɛ tu nisuo abura!
Awerɛhuoɔ yei laaa!
Hwɛ sɛ abusua ntɔkwa ɛɛbɛ si amansan ahwehwɛ
…wo nti
W’atime w’akame yei laaa!

ɛ
Ɔbra biara twa owuo
…nanso wo wuo yi yɛ mpatuwuo Adwoa!
Agyae ano biara akasakasa
…ene yei laaa ntoasoɔ
Obo Kwahu asaase ɛɛbɛwoso
Obo fie ahyɛnso 97 ɛɛbɛ mim
…wo wuo yei laaa nti!
Ɛfirisɛ Nana Yaw Agyare Ɔsono bideɛ baako atɔ
…amonoamono mu
Esu ne yei laaa adane bena bɔ
…wɔ ateasefo anum
Amoafowaa Sefa Cecilia © January 31, 2020

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “ADWOA FƆDWOƆ”

Leave a comment