Look at me
Look through me like a mirror
And see yourself.
Look at me
Look deep within yourself and see me
Yԑn kↄԑ!
Hunu me sԑ nnipa na me yԑ wo nua
Aaane, me yԑ wo sista, sista, sista, sista, sista
Biibi na ԑdane yԑ ntira
Anka mԑtumi ayԑ wo broda, broda, brada, brada
Mmrԑ bi a atwamu no, na me yԑ abaayuwa
Ԑyԑ ntokulo bi a obiara mfa nani nhunu na na eyimema
Mmpanyinfoↄ no nso bↄↄ masumu toklo
Sԑ amansan nnyinaa nhunu sԑ me yԑ abaayuwa
Na wↄn a wↄpԑ ntiatia me so
Bↄↄl a, mebↄↄ bi
Amirika a, metuu bi
Dԑn ara na mmberimawaa yԑԑyԑ a manyԑbi?
There were absolutely no differences
I was told to be an ‘akateesia’
To cover and hide my pride
Me kata me ho sieyԑ
Nanso adԑn na ↄbarima biara hunu me a na ↄrehwehwԑ?
Na ↄrehwehԑ dia mede masie yi?
Is my pride really something that must be covered in clothes?
Yԑse me yԑ ↄbaa sima
Asekyerԑ ne sԑn?
Asekyerԑ ne sԑ, mԑsi nnuↄma ama anaa?
Me sua no, na yԑfrԑme abaayuwa kromo
Aseԑ ne sԑn?
Asekyerԑ ne sԑ, mԑ wo ahyԑ koro no ma na y’ama me amo anaa?
Eno, ka kyerԑ meԑ
Papaa, ka kyerԑ meԑ
Efirisԑ me gye tum sԑ nnipa gu mu ahorow
Nanso nka obuo a ԑyԑ korↄ bi baa mu a
Anka megyidi sԑ ԑbԑyԑyie
Wo bu me, na menso me bu wo a
Ede dԑn na ԑbԑba?
Enti nea mmaa bebree ayi adi akyerԑ wiase yi
Ԑwↄ sԑ meguso brԑ?
Please look at yourself
Look within yourself and see me
The me who wants to do everything you do
The me that wants to be hailed as a super being
The me that will have nothing to hide for others to look for
The me that will have wings to fly in the minds of your godships.
Amoafowaa Sefa Cecilia © 2014.