Categories
POETRY

ƆKRAMAN AHOBRASEƐ

Kotodwe biara a egu fɔm nɛ wɔ daakye ahomaso
Enti susu bɔ ɔkraman ahobraseɛ abaso
Na animguaseɛ ankɔ guare wo wɔ akagyinamu dan akyi

B.
Ɛnɛ anobrɛbrɛ wɔ daakye atiatia
Enti susu gyegye onibie ti na twa kyɛwpa so tiatia
Na w’ankɔhwiri gyideɛ a ɔmanfoɔ wɔ wɔ wo mu

D.
Efirisɛ nnipa bɛtumi ayi n’ani ato wo tuo te sɛ ɔbɔmɔfoɔ
Ama wo daakye ahwiri n’anidasoɔ
Efirisɛ nnipa biara wɔ ahomasoɔ
Enti yɛ ahwɛyie wɔ wɔn nfurukɔsoɔ
Anitiɛ biara nim anikata
Nso bebree noa na eyi anifurafoɔ ayipamu
Enti yɛ ahwɛyie wɔ nnipa ho
Ano a yɛ de bɔ bosia wu wɔ adefo nsɛm
Ma akatua dane nsɛm bebree
…gu nea ɔkamafoɔ anim ase sɛɛ pɔtɔɔ
Amoafowaa Sefa Cecilia © November 4, 2022

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

One reply on “ƆKRAMAN AHOBRASEƐ”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s