Categories
SHORT STORIES

Dollar Ne Sedi Ntɔkwa (Akan Nwoma a Ɛtɔso Mmienu)

Mpayinbɛ ɛbɛ, “Obonto nfa ne ho mmɔ nkawa” nti na m’asonsɔn me ho saa de abɔ m’abrabɔ bɛ si nnɛ a, m’ahunu sɛ ɛntumi ntintam yi. Me bɔɔ mmɔden buei akasa anoma sikakura ne tua bea a abrɔfo frɛ no spase to spase yi bi wɔ Mmepɔ so. Ababaawa a meretena me ho ase na m’akatameho asie wɔ kronkronyɛ mu, de apre ɔsoro akatua de akɔ ɔsoro aheman mu, m’anfa mpena, anfa kwati kwan so ampɛ sika. Aban de ne Yii Lewy baa yɛ a pɛ, na m’adwuma kɔɔ fɔm.
Me gu so resunsɔn me ho no a na akrɔnfo tɛtwiamoa de etuo bɛgyinaa me so ahomarakye kɔnkɔn bi, bɛgyee sika a me de rekɔ adwuma no. Mereka yi, na me dan ka aso, me maame asikyire yareɛ aduru ka da me so, me papa mogyabrosoɔ aduru ka nso da me so. Me de esu kɔɔ asɔre sɛ merekɔsu agu Ɔbɔɔadeɛ so nso a, merekɔfie anadwo no, na akrɔnfoɔ akɔtware me agye me ho nnuɔma nyinaa asan ato me mmonaa nso aka ho.
Me de amemenemfi kɔɔ asuogya sɛ merekɔkum me ho. Ɛhɔ na me hyiaa papa bi a ɔkaa m’akoma too me yɛm, hyɛɛ me nkuran sɛ ɔbɛboa me. Ɔbɔɔ me bosia dollars yi mpem num (5000) sɛ me mfa nhyɛ m’adwuma no ase bio na me ntua no nkakra nkakra. Enti bosome biara me tua Amrikafoɔ sika yi ɔha na ɛma no. Papa no ankasa atukwan nti ne yere a ɔyɛ Ghanani na ɔbɛgye.
Efiri sɛ dollar ne sedi yi sɔɔ ntɔkwa mu, te sɛ asono mmienu yi, sɛ me ma maame no dollar no ɔha a, na ɛredidi kɔ me dwetre no mu. M’ayɛ basaa, m’adwuma no regu. Me hunu m’afɛfoɔ a wɔn retɔn wɔn ho de nya wɔn ho sɛɛ kyaba na ɛma me bisa me ho sɛ ɛdeɛn koraa na me de kronronyɛ yi ɛregye?
Adwuma nkɔ so sɛnea na kan ɛkɔ no no, abrabɔ ayɛ dendeenden sɛ ɛboɔ, nso obiara nhunu nea aban reyɛ afa ho. Me papa sɛ Rawlings pɛn do, ɔde asraafoɔ hyɛɛ edwasofoɔ kitii ma wɔn tetee wɔn nnuɔmaboɔ a na afuru apata so. Seesei me didi baako pɛ dabiarada. Me twɛn ma awia bɔ na m’atɔ banku anaa konkonte bi adi de akosi adekyee awia mu. Sɛ sika yi sa na m’antumi antua ka twitwiridie yi a abɛtɔ me so yi a, mɛyɛ no dɛn? Dollar yi nso buoɔ kɔɔ a na ɛkɔ soro. M’ɛnka nkyerɛ me sɛ mma me nsu. Sɛ ɔkra no were ho a, nkuranhyɛ nkenyan a mmoa safoa biara nka ho ntumi mbue n’awerɛkyekyerɛ pono. M’ahunu sɛ wo nso wo ho kyere wo. Hwɛ wo nan ase popraa ne w’ano wo a awo. Wo deɛ tena ase na me ma wo nsuo nom, ɛyɛ pipu nsuo o, mepaokyɛw me mfa mmra? Sɛ wonim sɛ nea yɛ de mfidie ayɛ no nkitinkiti no yɛ sedi aduosia? Ɛwɔ sɛ Awurade twa n’ani bɛhwɛ yɛn na afei deɛ ɛɛyɛ agyɛ nsamu.
amoafowaasefa – Instagram
Amoafowaa Sefa Cecilia (Facebook)
@maame_c (Twitter)
amoafowaa.com (website)
Poetry by Mum C (YouTube)

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Twitter picture

You are commenting using your Twitter account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s