Ɔdɔ, hwɛ me sutɔɔr yi mu, ayɛ brɛhwaa te sɛ akumkum akumkum kwan so. Bisa me sɛ adɛn? Onua, efiri Kolona o sɛ Kovil o sɛ deɛn mmerɛ so no, me ne sika da hɔ mpo na m’akonya bi de atotɔ nnuɔma abɛgu me sutɔɔr yi mu.
Enti adomfoɔ a na me di dwa wɔ wɔn hɔ na na wɔn de ahumɔbrɔ firi me nnuɔma bi te sɛ brodo, milikyi, sradiin, gari, nkateɛ, gyabidiee ne neɛ ɛkekaho na metɔn a, na me de nkakra nkakra atotoso na me ne me mma yi adi, me de wɔn sika kɔ ma wɔn a, na wɔn asan ama me bi.
Me kɔ gye bi bosome a etwaa mu yi ara, ɛnɛ ne nɛnan, me de wɔn sika kɔ memaa wɔn a, wɔn mu biara anfiri me wɔn nnuɔma no bi. Adɛn a, yɛ si Amrika sika ne yɛn sedis no ɛreko ntɔkwa. Enti sima biara wɔn toto nnuɔma so. Ɛno nti wɔn ntumi nfa nnɔma no mfiri me efirisɛ wɔn bɛ to to so ama wɔn sika no ɛso atete sɛɛ hu hu hu hu. Enti Akosua, me na me nie o, efiri nnura, nea me ne me mma bɛdi koraa abɔ yɛn.
Sɛ wonim nso sɛ me kunu nso adwuma abɔ no firi mmere a ɔti firi atwedeɛ so tɔɔ fɔm no? Eno nti yɛn abrabɔ ayɛ yɛn bisi basaa.
Enti ɛdeɛn koraa na ɛkɔfaa saa sika ntɔkwa yi baa yɛ? Ebisɛ ɔman yi fotosanfoɔ ka ho, ebi sɛ ɛyɛ ewiase nyinaa amanyɔsɛm firisɛ Dekrain o sɛ Wukrain bi ne Brashia o sɛ Wrɔhyia bi ti akono. Medeɛ m’abrɛ abrabɔ nti me nnim neɛ me nyɛ koraa. Me yɛm na ɛɛbɔ kurukuru te sɛ agradaa no. Enti dwene ɛkɔm a ɛdi me ba no a w’adi mfie mienu no ho. Hmmmm, abrabɔ yɛ bɔ na nanso afeideɛ abroso.
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 31, 2022.
amoafowaasefa – Instagram
Amoafowaa Sefa Cecilia (Facebook)
@maame_c (Twitter)
amoafowaa.com (website)
Poetry by Mum C (YouTube)
Amoafowaa Sefa Cecilia (LinkedIn)
Tik tok : Mum Cee
Categories