Categories
POETRY

KAPRƐ

Me deɛ me nni kaprɛ
…na m’anya nsatofrɛ
Enti m’ani na me de me rehwɛ
…mmofra a mpanyin bɔne ɛregoro wɔn te sɛ atoprɛ

B
Me deɛ me nni kaprɛ
…na y’agye m’enkyerɛkyerɛ
Enti m’ani hann na me de rehwɛ
Adehyeɛ a wɔn ɛrepri nkoa dibrɛ

D.
Ei me wɔ kaprɛ
…na y’agye m’adwenkyerɛ?
Enti me yɛ dɛn kɔ tia nkoa a wɔn rekyekyɛ
…adehyeɛ agyapadeɛ?

E
Ei me nni kaprɛ
Enti y’agye me dibrɛ
Enti sɛ aban ayɛ mmrɛ,
Nhia m’akwankyerɛ

Ɛ
Ah me nni kaprɛ
Me yɛ dɛn nya sikamerɛ
Enti mmofra bɛ kɔ ahokyerɛ
Ama ɔman no atɔ ahokyere mu

F.
Ei me nni kaprɛ
Enti me yɛ dɛn de bɔne kyerɛ?
Nsaase ase na adane tu kyɛ
Ama ehu adane ɔman yi abutu

G.
Ah me wɔ kaprɛ
Na y’agye m’adwenkyerɛ?
Nti akwanyerafo bɛ po akwankyerɛ
Ama adesuafo apo nkyerɛkyerɛ

H.
Me deɛ me nni kaprɛ
Me yɛ dɛn kɔpri adwenkyerɛ?
Enti nsuwa nsuwa bɛdane dontori akyɛ
Ama amanbɔfoɔ abɛhye adwumayɛfoɔ ase

I.
Me nni kaprɛ
Enti ato me ne ahokyeri
Enti bebree ɛreko ɛrepripri
…yi, ɛkɔm adane tohoankyɛ

K.
Me nni kaprɛ
…na m’anya dabrɛ
Enti me yɛ dɛn kɔ tie dodoɔ sufrɛ
N’ankampɛsɛ m’atɔ wɔn brɛ?
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 14, 2022

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s