Yɛ se yɛ se tumi dua ɔtan wɔ ɔdɔ asaase so
Ma no fifiri nyini dane dua damfoɔ
…a n’aduaba tumi te te sɛi asaase no
B.
Enti tie kɔ ka nyɛ adwuma menua
Adanse krumuu mu gyae ma me nka nyɛ nsɛmbɔ menua
“Me tii sɛ” nsɛmkwaa nnyɛ asresɛm menua
Efirisɛ etumi bɔ ɔman
…sɛi fie
Etumi gu awareɛ
…tete nnipa PA mu te sɛ atentrehuo
Etumi tu ɔhene
…kum nnipa
D.
Enti gyae saa yɛ
Na nya tirimu faan
Na yɛ se yɛ se nnyɛ abodin kyɛ
Na wo de ɔsɛyiɛ akɔdi mu tintinman
Amoafowaa Sefa Cecilia © November 5, 2021
Categories
2 replies on “YƐ SE YƐ SE”
Waka nyansasem papaapa. Woye badwenba.
LikeLiked by 2 people
Medaase. 🙏💙
LikeLiked by 1 person