Bronya a ɛreba yi
Bebree no aaa na ɛbɛdane amanfoɔ ayaase nkokɔ
Ahwiaso tim!
Dua so pim!
Ɛhyɛn mu yim!
Mangoase sim!
Obi mantwea kim!
Tokro bi mu bim!
Dantuo bi mu fam!
Wɔn a wɔn aniso bɛti wɔn na wɔn plɛti so nni mmɔfra su,
…bɛ kɔ nnase asɔre
Na wɔn a wɔn bɛ di nyinsɛn owene tsatsa aka nsensɛnmu
B.
Bronya yi
Bebree no aaa na ɛbɛdane amafoɔ abɔsoɔ
Wɔn pɛ aduane a wɔn bɔtɔmu sa!
Wɔn pɛ ntaadeɛ a wɔn bɔtɔmu werɛ!
Wɔn pɛ mpaboa a wɔn bɔtɔmu kyan!
Wɔn pɛ ɛhyɛn a wɔn bɔtɔmu sram!
Wɔn pɛ kwan atu a wɔn bɔtɔmu kraw!
Bronya bɛtwamu a ɛbɛti wɔn aniso no
Na honam mu dɛ atufaa te sɛ nnomaa
…afiri wɔn tirimu
Ama no aka ɛka ne nnuho
D.
Anyansafoɔ nkoaa na wɔn bɛhunu wɔn ho banbɔ
Atumi ahyɛ wɔn ho so afiri ahurutuo ne bɔtɔmu hwee yi ho
Ɛkɔsi saa mmerɛ no
Amoafowaa Jenemedua
…m’ani na adane m’ahwɛdeɛ
…m’aso na adani m’atiedeɛ
Wɔ me dan yi anim ha
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 29, 2021