Categories
POETRY

MƐ SOM ƆBONSAM

Mɛ som Ɔbonsam na m’ayɛ homhom fi me mpena
Me ne adiamone honhom bɛgro atuprɛ na me ne abayifoɔ abɔ tsatsa
Me ne akronfoɔ bɛto pono na me ne atuutuufoɔ atwi mmomome
Mɛ ne atwitwatirefoɔ bɛyɛ namfoɔ
…na m’akyiran akronkronfoɔ

B.
Efirisɛ;
Firi mere santeni nni a atenneneefoɔ de ɔko foro adebɔneyɛfoɔ
Nsesaɛ biara ntutu mfiri yɛn man yi mu
Efirisɛ;
Mere bebree a asɔfoɔ tutuu honhom bɔne ase
Wɔn gu so gyina pintinn de adwamanbɔ
…anibire
…apoobɔ
…krɔno ne nea ɛkeka ho
Ɛredwiri Nyame nwuma to gu
Enti hwan na ɔsɛ fata safohene?

D.
Ɛyɛ Otumifoɔ Ɔbonsam
Ɔsaberimma a tima nti akronkronfoɔ yiyi wɔn bɔne ntaadeɛ
…tu gu no so ma no yɛ din
Oh ɔwɔ tima sɛ
Ɛno nti na bɔne a ɛkɔɔ twi baa brɛman nyinaa ɔgye bɔ ne bo
…ma ateneneefoɔ tirimu tene wɔn
Ɔyɛ ahunuabɔbirim
Enti na ne gya tumi de hu hyɛ nnipa mu
…n’afɛfɛdeɛ tumi bɔ wɔn abɔneyɛfoɔ gya yi ho awerɛfie
…ma wɔn kyini hwehwɛ n’akyirakwan
Ɔyɛ ahoɔfeni nso ne mfoni adane mmoa huhuuhufoɔ saman
Ne nyinara akyiri no ɔnfa nsuo anaa ogya nsɛye wiase
Onni mmara, nni ɔhaw
Ɔhene bɛn na ɔbɛsene no?

E.
Ɔyɛ ɔdefo
Yɛ ɔsraani
Onim biribiara san yɛ adeɛ biara
Ateneefoɔ sɛ ɔyɛ bibini san yɛ abrɔ ni
Mɛ som me deɛ
Me ne nkunimdifoɔ no na ɛbɛgro
Na m’anya asomdwoe de ada me ho so
Abɔ bra a nnuho biara nni mu
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 22, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

2 replies on “MƐ SOM ƆBONSAM”

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s