Categories
POETRY

GROMEATOATƆSOM

Kofi Amponsah adani gromeatoatɔsom
W’abɛtena me so te sɛ bosom
Baabi a ne nsa kɔ yɛ firi me sen mu kosi n’ano
Ne nsa nka fie adwuma
Ne nan nkɔ nkɔpɛ adwuma
Ɔno nso a, anwanwadeɛ biara nni hɔ a otumiyɛ wɔ mpa mu
Nea onnim a ne sɛ ɔrebɔ me asɛnnua mu

B.
Kofi Amponsah hunu me na me yɛ ɔbaa sima
…a metɔn me nkosua ne amako
Ɔhyɛɛ me bɔ sɛ, mebue m’anantɛm pono ma no a
…ɔremma biribiara nhia me
Nanso ɛnɛ
…me ntaabodan a m’atumi ahan mu na yɛn nyina da
…ɛna, sɛbi o, ɔteta san hwa ne nikanika nkrɔmoo no
Me kɔ ka sɛ ɔnfaprayɛ mpra na menkɔpɛ sika a, ɔde me tuu tuu
Me kɔtɔn adeɛ ba na m’abrɛ nti m’aama no kwan ankɔ kwan so a, ɔde me tuu tuu
Me de me sika sie na ɔkɔwia na me ka a, ɔde me tuu tuu
Sɛ ohunu sɛ me ne wɔn a wɔdi me dwa ɛreseresere a, ɔde me tuu tuu
Sɛ dwa nnyɛ na me kyɛre wɔ dwaaso a, ɔde me tuu tuu
Kofi Amponsah adani gromeatoatɔsom
Me yɛ dɛn de no kɔsi baabia me faa no?

D.
Afei deɛ m’abrɛ n’agorɔ
Me ntumi nnane ne boɔ a ɔtenaso yiyi ne se mu
Nsan nnane n’afuo
Nsan nnane ne kukuo
Nsan nnane n’akoa
Nsan nnane ne nsɛnkwaa
Nanso sumsum pɛ o
…honam da ayeya
Me nni babiara kɔ
Me nni sika da hɔ
Me nni ɔgyefoɔ
Enti nna na ɛrekra nna dane abosome san dane mfie bebree
Mmofra na ɛrepɔn firi me mu san te m’ahoɔfɛ so
…ɛnam ɛborɔ nti
Me se ɛnan na adwiri aguo
M’ani baako na abɔ yi
Abrabɔ abɔ me ama ahokyirɛ ayiri me
…wɔ asaase so ha
Ɔgyefoɔ ne hwan?
Aso ɔgyefoɔ wɔ adakamena mu anaa?
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 15, 2021

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s