Yɛresu amankuku a
Yɛgyina aman ntɛm
Efirisɛ nea ani ahunu na ano pɛnsɛ
Te sɛ aburo de twerɛ nsɛm
Nea ewiase nhwehwɛanim de yɛn aduru ni o o
B.
Sɛ yɛre ma akyɛdeɛ a
Yɛgyina ani ne ano ntɛm
Efirisɛ nfoni nni hɔ a, nsɛm tumi dani adɛmkyɛm
Kyekyere nsoroma to twene nkontompo abusia ntɛm
Nea nhwehwɛanim de yɛn aduru ni o o
D.
Sɛ yɛrebɔ preman a, yɛhyehyɛ te sɛ krokrokoko
Sɛ nea ɛbɛyɛ a yɛ tutu yɛn nan biara a
Na yɛn ho hwa abon kokrokoo
De afrɛ amanfoɔ
Nea nhwehwɛanim de yɛn aduru ni o o
E.
Asɔrefiɛ bɔhyɛ na ekura yɛn mantɛm
Ɛneɛ Kofi Kokroo abɔ afɔreɛ kakraa
Na eti adondon te sɛ kahuro asuoɔmerɛ
Nso na n’abusuafoɔ bebree ɛɛda kɔm
Nea nhwihwɛanim de yɛn aduru ni o o
Ɛ
Nea ahoɔden ahyɛ ne ma na ɔde ne ho kyerɛ sɛ ɔkyɛm
Obiara a osuru hia sɛ ɔkutuɔ
Atuturasɛm dane no ɔhempɔn
Ma ehu ma no di kro so sɛnea ɔpɛ
Nea ɛhu ne nhwehwɛanim de yɛn aduru ni o o
F.
Akronfoɔ adani abosompa asomfo
Nnipa papa adani abosom bɔne ne nkaberekyerefoɔ
Akyerɛkyerɛfoɔ adani ohia ntamagu
Ɛbɛyɛ dɛn na wɔn atumi apupa nimdiɛ so fi?
Nɛa nhwehwɛ anim ne prɔyɛ de yɛn aduru ni o o
G.
Adwamanbɔ ne asɔfoɔ bi nom din ayɛ baako
Nsekuo ne asɔrefoɔ bi nom su ayɛ baako
Nhwɛhan ne abusuosɛm ɛredi nsɔre bebree dɛm
Nso nhwehwɛanim adane mpontuo atwedeɛ
…nti hwan na ɔbe ka?
H.
Nhwehwɛanim yɛ nkrantɛ nufanu
Ɛre dɔ yɛn mpontuo na ɛretwitwa yɛn nkɔsoɔ
Nhwehwɛ anim yɛ etuo aboba
Erɛ hwiti yɛn kankɔ na ɛre kum yɛn nimdie
Nhwehwɛ anim te sɛ awuduro
Ɛresɛi yɛn nsuo na ɛre dani yɛn asaase obonini
Sɛ nhwɛhann tena’se
Ma nhwehwɛanim bu kuro a
Nnipa nyinaa bɛ wu wɔ wɔn nkutukwii akɛseɛ soa ho
A obiara ntumi mmoa obi
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 10, 2021
Categories